Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twe kɔ teaseɛnam yi ho! Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no, ɔbisaa no sɛ: Wote deɛ worekenkan yi ase anaa? Na ɔse: Ɛbɛyɛ dɛn na mɛtumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn.