1
Luka 3:21-22
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei. Honhom Kronkron sian te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”
Compare
Explore Luka 3:21-22
2
Luka 3:16
Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
Explore Luka 3:16
3
Luka 3:8
Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo.
Explore Luka 3:8
4
Luka 3:9
Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin ho sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.”
Explore Luka 3:9
5
Luka 3:4-6
Sɛnea Odiyifo Yesaia kae se, “Nne bi teɛ mu wɔ sare so se, ‘Munsiesie kwan mma Awurade; momma nʼatempɔn nteɛ. Obon biara bɛyɛ ma. Bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam; asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa, na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw. Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’ ”
Explore Luka 3:4-6
Home
Bible
Plans
Videos