1
Marko 8:35
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na nea me ne asɛmpa no nti, ɔbɛhwere ne kra no, wobegye no nkwa.
Compare
Explore Marko 8:35
2
Marko 8:36
Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya?
Explore Marko 8:36
3
Marko 8:34
Afei ɔfrɛɛ nʼasuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se: “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasennua, na odi mʼakyi.
Explore Marko 8:34
4
Marko 8:37-38
Dɛn na ɛsom bo sen ne kra? Na obiara a saa nnabɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no aniwu, bere a me ne mʼabɔfo kronkron no bɛsan aba wɔ mʼAgya anuonyam mu no.”
Explore Marko 8:37-38
5
Marko 8:29
Na obisaa wɔn se, “Na mo nso mose meyɛ hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo no.”
Explore Marko 8:29
Home
Bible
Plans
Videos