1
1 Mose 32:28
Asante Twi Nkwa Asɛm
Ɔbarima no kaa sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel, ɛfiri sɛ, wo ne Onyankopɔn ne nnipa atentam, na woadi nkonim.”
Compare
Explore 1 Mose 32:28
2
1 Mose 32:26
Afei, ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Adeɛ akye enti, gyaa me ma menkɔ.” Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Sɛ woanhyira me a, meremma wonkɔ.”
Explore 1 Mose 32:26
3
1 Mose 32:24
Afei, ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenaeɛ hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentameeɛ ara kɔsii adekyeɛ wɛɛ.
Explore 1 Mose 32:24
4
1 Mose 32:30
Ɛmaa Yakob too beaeɛ hɔ edin Peniel, a asekyerɛ ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkaa sɛ, “Mahunu Onyankopɔn animuanimu, nanso meda so te nkwa mu ara.”
Explore 1 Mose 32:30
5
1 Mose 32:25
Ɛberɛ a ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no hunuu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku, ma ɛhwaneeɛ.
Explore 1 Mose 32:25
6
1 Mose 32:27
Ɔbarima no bisaa Yakob sɛ, “Wo din de sɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Me din de Yakob.”
Explore 1 Mose 32:27
7
1 Mose 32:29
Yakob bisaa sɛ, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo sɛn?” Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Adɛn enti na worebisa me din?” Yei akyiri no, ɔhyiraa Yakob.
Explore 1 Mose 32:29
8
1 Mose 32:10
Wʼadɔeɛ a wode ayɛ me ne nokorɛ a woadi wʼakoa no mu kakra bi mpo, mfata me. Ɛda a mefirii fie kɔtwaa Asubɔnten Yordan no, na me poma nko ara na ɛkura me, nanso ɛnnɛ, me na mekura ɛdɔm ahodoɔ mmienu yi.
Explore 1 Mose 32:10
9
1 Mose 32:32
Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Israelfoɔ nwe aboa dwonku koraa sɛ nkaedeɛ no. Saa ntini kɛseɛ a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no bɔeɛ, maa Yakob dwonku hwaneeɛ no.
Explore 1 Mose 32:32
10
1 Mose 32:9
Afei, Yakob bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak somm wo, Ao, AWURADE a woka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sane kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefoɔ.’
Explore 1 Mose 32:9
11
1 Mose 32:11
Mesrɛ wo, gye me firi me nua Esau nsam. Mesuro sɛ ɔbɛto ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so.
Explore 1 Mose 32:11
Home
Bible
Plans
Videos