1
Luka 8:15
Asante Twi Nkwa Asɛm
Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanseɛ.
Compare
Explore Luka 8:15
2
Luka 8:14
Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wɔdi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne ewiase afɛfɛdeɛ enti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɛ.
Explore Luka 8:14
3
Luka 8:13
Aba a ɛguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigyeɛ sɔ mu, nanso ɛntim wɔn mu. Na ɛsiane wɔn gyidie a ɛsua no enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa aba.
Explore Luka 8:13
4
Luka 8:25
Afei, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na monni gyidie?” Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”
Explore Luka 8:25
5
Luka 8:12
Aba a ɛguu ɛkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam bɛhwim firi wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagyeɛ.
Explore Luka 8:12
6
Luka 8:17
Deɛ ahinta no bɛda adi, na deɛ ɛwɔ kɔkoam no nso ada dwa.
Explore Luka 8:17
7
Luka 8:47-48
Ɔbaa no hunuu sɛ ɔhinta a ɛrenyɛ yie, ɛno enti, ɔde hu ne ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no deɛ enti a ɔsɔɔ ne mu ne sɛdeɛ ne ho atɔ no no. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ kɔ.”
Explore Luka 8:47-48
8
Luka 8:24
Asuafoɔ no de hu ne nteateam nyanee no sɛ, “Awurade, Awurade, yɛremem!” Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teateaa mframa a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
Explore Luka 8:24
Home
Bible
Plans
Videos