1
Yohane 19:30
Apam Foforɔ
Na Yesu gyee nsa he, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Osii ne ti ase, na ogyaam.
Compare
Explore Yohane 19:30
2
Yohane 19:28
Yei akyi a Yesu huu sɛ woanya awie nnoɔma nyinaa he (sɛnea ɔbɛyɛ na twerɛ he aba mu nti), ɔkaa sɛ, “Sukɔm de me.”
Explore Yohane 19:28
3
Yohane 19:26-27
Na Yesu huu ne maame ne suani a ɔdɔ no he sɛ ogyina ne maame nkyɛne he, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Baa, hwɛ, wo ba beema di.” Afei ɔka kyerɛɛ suani he sɛ, “Hwɛ, wo nso wo maame di.” Na efiri saa berɛ he suani he de Maria kɔɔ ɔno ankasa ne fie.
Explore Yohane 19:26-27
4
Yohane 19:33-34
Na beduruu Yesu nkyɛne a behuu sɛ wawu dada he, bɛammubu ne nane mu. Na asraafoɔ he mu baako de pea wɔɔ ne mfe, na mogyaa ne nsuo firii mu baeɛ amonom hɔaa.
Explore Yohane 19:33-34
5
Yohane 19:36-37
Yei siiɛ sɛ ɔbɛyɛ na twerɛsɛm he aba mu sɛ, “Bemmmu ne dompe biaa mu,” Na bio twerɛsɛm foforɔ dɛ, “Bɛbɛhwɛ nea bɛde pea awɔ no he.”
Explore Yohane 19:36-37
6
Yohane 19:17
berɛ a na ɔno ankasa so n’asennua. Ofirii adi kɔɔ baabi a bɛfrɛ hɔ Tikankuro (anaa Golgota Hebri kasa mu).
Explore Yohane 19:17
7
Yohane 19:2
Na asraafoɔ he de nkasɛe yɔɔ kyɛ de hyɛɛ ne ti, na bɛde ataadeɛ ngugusoɔ kɔkɔɔ bi hyɛɛ no.
Explore Yohane 19:2
Home
Bible
Plans
Videos