Luka 1:31-33
Luka 1:31-33 ASWDC
Na hwɛ, wobɛnyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔafrɛ no deɛ Ɔwɔ Sorosoro no Ba; na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no. Na ɔbɛdi Yakob fie so hene daapem, na n’ahennie no to rentwa da.