Luka 3:4-6
Luka 3:4-6 ASWDC
sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nsɛm nwoma mu sɛ: Obi nne retea mu serɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene! Wɔbɛhyɛ abɔn nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase; na deɛ akyea no bɛtene, na akwan mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom. Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.