Marko 14
14
Wɔpam Yesu tiri so
(Mateo 26.1-5; Luka 22.1, 2)
1Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ aduro no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ akye no nyansa mu, na wɔakum no. 2Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu.
Ɔdɔ akyɛdeɛ bi
(Mateo 26.6-13; Yohane 12.1-8)
3Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani no fie. Na ɔtenaa ɛpono ho no, ɔbaa bi a ɔkura sradehwam toa, a ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu n’apampam. 4Na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwoɔ wɔ wɔn mu, na wɔkekaa sɛ: Adɛn nti na wɔsɛee ngo hwamhwam yi? 5Anka wɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafoɔ. Na wɔnwiinwii tiaa no.
6Na Yesu kaa sɛ: Monnyaa no! Adɛn na moreha no? Wayɛ me ho adwuma pa. 7#Deut 15.11 Na mowɔ ahiafoɔ mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, motumi yɛ wɔn yie; na me deɛ monni me daa.
8 Wayɛ deɛ ɔbɛtumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da. 9Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso wɔbɛka de ayɛ no nkaeɛ.
Yuda yi Yesu ma
(Mateo 26.14-16; Luka 22.3-6)
10Na Yuda Iskariot, dummienu no mu baako, sii mu kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn. 11Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama, ɛberɛ a ɛsɛ mu.
Twam no siesie
(Mateo 26.17-19; Luka 22.7-13)
12Na Apiti da a ɛdi kan a wɔkum Twam dwan no, n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛhefa na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wokɔdi Twam no? 13Na ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu, na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ kuro no mu. Na onipa bi a ɔso ahina bɛhyia mo; monni n’akyi, 14#Mar 11.3 na faako a ɔbɛhyɛne no, monse efiewura no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no se: Ɛhefa na ahɔhodan a mene m’asuafoɔ bɛdi mu Twam no wɔ? 15Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu; ɛhɔ na monsiesie Twam no mma yɛn. 16Na asuafoɔ no sii mu kɔe, na wɔduruu kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no.
Adidie a ɛdi akyire no — ɔfatwafoɔ adiyie
(Mateo 26.20-29; Luka 22.14-23; Yohane 13.21-26)
17Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne dummienu no baeɛ. 18Na wɔte hɔ redidie no, Yesu kaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a mone me redidie yi mu baako bɛyi me ama. 19Na wɔn werɛ hoe, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no mmaako mmaako sɛ: Ɛyɛ me? 20Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛyɛ dummienu no mu baako a ɔne me to nsa ayowa mu no a. 21Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.
Adidie Kronkron asehyɛ
22 #
1 Ko 11.23-25
Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ: Monnye. Yei ne me honam! 23Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nomm bi. 24Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me mogya a ɛyɛ apam foforɔ no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie aguo. 25Nokorɛ mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akɔsi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie no mu.
Petro pa ho nkɔmhyɛ
(Mateo 26.30-35; Luka 22.31-34; 22.39)
26Na wɔtoo dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 27#Sak 13.7 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mo nyinaa ɛbɛyɛ mo suntidua; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ:
Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,
na nnwan no abɔ apete.
28 #
Mar 16.7
Na me wusɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea. 29Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua. 30#Yoh 13.38 Na Yesu see no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. 31Na ɔno deɛ, ɔkasaa anibereɛ so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wuo mpo a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kaeɛ.
Getsemane awerɛhoɔ
(Mateo 26.36-46; Luka 22.40-46)
32 #
Yoh 18.1
Na wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Montena ha, na menkɔbɔ mpaeɛ ansa. 33Na ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho firii aseɛ hiahiaa no, na ne ho yeraa no. 34#Yoh 12.27 Na ɔsee wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu; montena ha, na monwɛn! 35Na ɔkɔɔ n’anim kakra kɔbutuu fam, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, dɔn no nsiane ne ho nkɔ. 36#Mar 10.38 Na ɔkaa sɛ: Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ. 37Na ɔba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada, na ɔsee Petro sɛ: Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwereɛ baako mpo? 38Monwɛn, na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ deɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ. 39Na ɔsii mu bio kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛnkorɔ no ara. 40Na ɔsane ba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani twan so, na wɔnhunu deɛ wɔmfa mmua no. 41Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, monna, na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. 42Monsɔre mma yɛnkɔ; hwɛ deɛ ɔreyi me ama no abɛn!
Yuda ne asraafoɔ ba
(Mateo 26.47-58; Luka 22.47-55; Yohane 18.2-18)
43Na amonom hɔ ara, ɔgu so rekasa no, Yuda, dummienu no mu baako, bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn ka ne ho. 44Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no, monkye no, na monsɔ no mu yie mfa no nkɔ! 45Na ɔduruiɛ no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Rabi! Na ɔfee n’ano. 46Na wɔde wɔn nsa kɔsɔɔ ne mu kyeree no. 47Na wɔn a na wɔgyina hɔ no mu baako twee ne nkrantɛ de bɔɔ ɔsɔfo panin akoa twaa n’aso.
Yesu kyerɛ ne n’asuafoɔ no dwane
48Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so, de nkrantɛ ne mmaa rebɛkyere me? 49Daa a mewɔ mo nkyɛn asɔrefie rekyerɛkyerɛ no, moankye me; na sɛdeɛ atwerɛsɛm no bɛba mu ntira! 50Na asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwanee. 51Na aberanteɛ bi a ɔfira nwera de akata n’adagya soɔ dii n’akyi; na wɔkyeree no; 52na ɔgyaa nwera no, firii wɔn nsa, de adagya dwanee.
Yesu gyina ɔsɔfo panin anim
(Mateo 26.59-68; Luka 22.63-71; Yohane 18.19-24)
53Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panin no nkyɛn, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nyinaa bɛhyiae. 54Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.
55Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanseɛ pɛɛ sɛ wɔkum no, nanso wɔannya bi. 56Na nnipa pii dii adansekurumu tiaa no, nanso wɔn adanseɛ no anhyia. 57Na ebinom sɔre dii adansekurumu tiaa no sɛ: 58#Yoh 2.19 Yɛate sɛ ɔreka sɛ: Mɛdwiri asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ. 59Na ɛno ho mpo adanseɛ no anhyia. 60Na ɔsɔfo panin no sɔre gyinaa mfimfini bisaa Yesu sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi? 61#Mar 15.5; Yes 53.7 Nanso ɔmuaa n’ano na wammua bi. Na ɔsɔfo panin no bisaa no bio, na ɔsee no sɛ: Wone Kristo no, Deɛ Wɔahyira no no ba no anaa? 62Na Yesu kaa sɛ: Mene no,
na mobɛhunu Onipa Ba no
sɛ ɔte tumi nifa,
na ɔreba ɔsoro mununkum mu.
63Na ɔsɔfo panin no sunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio? 64#Yoh 19.7 Moate n’abususɛm no; modwene sɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɔwuo. 65Na ebinom fitii aseɛ hinam ntasuo guu ne so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wɔsee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotorɔ.
Petro pa Yesu
(Mateo 26.69-75; Luka 22.56-62; Yohane 18.15-18, 25-27)
66Na Petro wɔ fam adihɔ no, ɔsɔfo panin no mmaawa mu baako bae, 67na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kaa sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam! 68Na Petro sanee sɛ: Mennim, na mente deɛ woreka yi ase mpo. Na ɔfirii adi kɔɔ ntwonoo mu, na akokɔ bɔnee. 69Na abaawa no hunuu no bio, na ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina hɔ no sɛ: Oyi fra wɔn mu bi. 70Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛree kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa ara wofra wɔn mu; ɛfiri sɛ woyɛ Galileani. 71Na ɔfitii aseɛ dii nse, na ɔkekaa ntam sɛ: Mennim onipa a moreka ne ho asɛm yi. 72#Mar 14.30 Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Na ne werɛ hoo pii, Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ ma ɔsui!
Currently Selected:
Marko 14: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012

: