1
Yohane 19:30
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Yesu nom wiei no, ɔkae se, “Mawie!” Ɔkaa eyi wiee no, osii ne ti ase na ogyaa ne honhom mu.
Compara
Explorar Yohane 19:30
2
Yohane 19:28
Saa bere no Yesu huu sɛ afei de, biribiara aba nʼawie, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, “Osukɔm de me.”
Explorar Yohane 19:28
3
Yohane 19:26-27
Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Ɔbea, wo ba ni.” Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, “Wo na ni.” Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.
Explorar Yohane 19:26-27
4
Yohane 19:33-34
Nanso woduu Yesu so no wohuu sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammu ne nan bi. Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fii ne mfe mu bae.
Explorar Yohane 19:33-34
5
Yohane 19:36-37
Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi” ne “Nnipa bɛhwɛ nea wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu.
Explorar Yohane 19:36-37
6
Yohane 19:17
Enti wɔde Yesu a nʼasennua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitiri So”, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota”.
Explorar Yohane 19:17
7
Yohane 19:2
Asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atade kɔkɔɔ nso hyɛɛ no.
Explorar Yohane 19:2
Inici
La Bíblia
Plans
Vídeos