1
Marko 9:23
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Yesu bisaa no se, “Adɛn nti na woka se sɛ metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ hɔ ama obiara a ogye di.”
Compara
Explorar Marko 9:23
2
Marko 9:24
Abarimaa no agya buae se, “Mewɔ gyidi nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!”
Explorar Marko 9:24
3
Marko 9:28-29
Eyi akyi a Yesu ne nʼasuafo no nko ara wɔ fie no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?” Yesu buaa wɔn se, “Mpaebɔ nko ara na ebetumi atu saa ɔyare yi.”
Explorar Marko 9:28-29
4
Marko 9:50
“Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛso nni mfaso bio; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti monnyera mo dɛ. Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.”
Explorar Marko 9:50
5
Marko 9:37
“Mo mu biara a me nti obegye abofra ketewa sɛ oyi no agye me, na nea obegye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no.”
Explorar Marko 9:37
6
Marko 9:41
Obiara a esiane sɛ, moyɛ Kristo de no nti ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no akatua remmɔ no da.
Explorar Marko 9:41
7
Marko 9:42
“Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu.
Explorar Marko 9:42
8
Marko 9:47
Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu
Explorar Marko 9:47
Inici
La Bíblia
Plans
Vídeos