1
Gyenesis 13:15
New Revised Asante Twi Bible
Na asase a wohunu yi nyinaa, wo ne w’asefoɔ na mede bɛma mo daa.
Σύγκριση
Διαβάστε Gyenesis 13:15
2
Gyenesis 13:14
Na Lot tee ne ho firii Abram ho no, AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ma w’ani so, na firi deɛ wowɔ hɔ hwɛ atifi fam ne anafoɔ fam, apueeɛ ne atɔeɛ.
Διαβάστε Gyenesis 13:14
3
Gyenesis 13:16
Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.
Διαβάστε Gyenesis 13:16
4
Gyenesis 13:8
Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ: Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, na yɛyɛ anuanom.
Διαβάστε Gyenesis 13:8
5
Gyenesis 13:18
Na Abram tutuu ne ntomadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔ a ɛwɔ Hebron no ho, na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ.
Διαβάστε Gyenesis 13:18
6
Gyenesis 13:10
Na Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan kanko nyinaa de kɔsi Soar hunuu sɛ ne nyinaa so wɔ nsuo te sɛ AWURADE turo no, te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.
Διαβάστε Gyenesis 13:10
Η YouVersion χρησιμοποιεί cookies για να εξατομικεύσει την εμπειρία σας. Χρησιμοποιώντας τον ιστότοπό μας, αποδέχεστε τη χρήση των cookies όπως περιγράφεται στην πολιτική απορρήτου
Αρχική
Αγία Γραφή
Σχέδια
Βίντεο