1
Gyenesis 1:26-27
KYERƐW KRONKRON
Na Onyankopɔn kae sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso, na wonni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so. Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Yiw Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.
Összehasonlít
Fedezd fel: Gyenesis 1:26-27
2
Gyenesis 1:28
Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monni so tumi, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.
Fedezd fel: Gyenesis 1:28
3
Gyenesis 1:1
Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.
Fedezd fel: Gyenesis 1:1
4
Gyenesis 1:2
Na asase da hɔ hunu a enni bɔbea biara na Onyankopɔn honhom butuw nsu no ani.
Fedezd fel: Gyenesis 1:2
5
Gyenesis 1:3
Na Onyankopɔn kae sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.
Fedezd fel: Gyenesis 1:3
6
Gyenesis 1:31
Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so asia nen.
Fedezd fel: Gyenesis 1:31
7
Gyenesis 1:4
Na Onyankopɔn huu hann no sɛ eye. Na Onyankopɔn paee hann ne sum no mu.
Fedezd fel: Gyenesis 1:4
8
Gyenesis 1:29
Na Onyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, mede nhaban a ɛsow aba nyinaa a ɛwɔ asase nyinaa ani, ɛne nnua nyinaa a adua a n'aba wɔ mu wɔ so mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduan.
Fedezd fel: Gyenesis 1:29
9
Gyenesis 1:5
Na ɔfrɛɛ hann no sɛ: Adekyee, na esum no de, ɔfrɛɛ no adesae. Na ade sae, na ade kyee, da a edi kan nen.
Fedezd fel: Gyenesis 1:5
10
Gyenesis 1:6
Na Onyankopɔn kae sɛ: Ntrɛwmu mmra nsu no ntam, na ɛmmɛpae nsu no mu.
Fedezd fel: Gyenesis 1:6
11
Gyenesis 1:30
Na asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa a ɔkra a ɛte ase wɔ wɔn mu no, mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni. Na ɛyɛɛ sa.
Fedezd fel: Gyenesis 1:30
12
Gyenesis 1:14
Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe
Fedezd fel: Gyenesis 1:14
13
Gyenesis 1:11
Na Onyankopɔn kae sɛ asase mfifi nwura frɔmfrɔm, nhaban a ɛsow aba, nnua a ɛsow nnuaba sɛnea ne su te a n'aba wɔ mu, wɔ asase so. Na ɛyɛɛ sa.
Fedezd fel: Gyenesis 1:11
14
Gyenesis 1:7
Na Onyankopɔn yɛɛ ahun mu ntrɛwmu, na ɔpaee nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no ase ne nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no so no mu. Na ɛyɛɛ sa.
Fedezd fel: Gyenesis 1:7
15
Gyenesis 1:12
Na asase fifii wura, nhaban a ɛsow aba sɛnea ne su te, ne nnua a ɛsow nnuaba a n'aba wɔ mu sɛnea ne su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
Fedezd fel: Gyenesis 1:12
16
Gyenesis 1:16
Na Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien no, ɔkanea kɛse no, sɛ enni awia so, ne ɔkanea ketewa no, sɛ enni anadwo so, ne nsoromma nso.
Fedezd fel: Gyenesis 1:16
17
Gyenesis 1:9-10
Na Onyankopɔn kae sɛ: Nsu a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako, na wonhu asase kesee. Na ɛyɛɛ sa. Na Onyankopɔn frɛɛ kesee no asase, na nsu mmoaano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
Fedezd fel: Gyenesis 1:9-10
18
Gyenesis 1:22
Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu nsu mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so.
Fedezd fel: Gyenesis 1:22
19
Gyenesis 1:24
Na Onyankopɔn kae sɛ: Asase mma abɔde a ɛtete ase mfi mmra, sɛnea wɔn su te; ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛnea wɔn su te. Na ɛyɛɛ sa.
Fedezd fel: Gyenesis 1:24
20
Gyenesis 1:20
Na Onyankopɔn kae sɛ: Nsu no nnɔ abɔde a ɛte ase manyamanya, na ntakraboa ntu mfa asase so ɔsoro ntrɛwmu no ani.
Fedezd fel: Gyenesis 1:20
21
Gyenesis 1:25
Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
Fedezd fel: Gyenesis 1:25
Kezdőoldal
Biblia
Tervek
Videók