1
Luka 18:1
Apam Foforɔ
Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.
Összehasonlít
Fedezd fel: Luka 18:1
2
Luka 18:7-8
Nɔkwasɛm di, ewom sɛ Nyankopɔn ma ne bo dwo kyɛre ma ho deɛ, nso ommu atɛntenenee mma bɛ a wayi bɛ a besu frɛ no awia ne anadwo he anaa? Nti, ɔbɛtwentwɛne ne nane ase bɛ ho anaa? Meeka akyerɛ ho sɛ, obebu atɛntenenee ama bɛ ntɛm so. Nso sɛ Nipa Ba he ba a, obehu gyidie ankasa asaase so anaa?”
Fedezd fel: Luka 18:7-8
3
Luka 18:27
Ɔkaa sɛ, “Nea ontumi nyɛ hɔ nnipa fam he betumi ayɛ hɔ Nyankopɔn fam.”
Fedezd fel: Luka 18:27
4
Luka 18:4-5
Ɔtwentwɛnee ne nane ase kakra, nso akyire yi ɔkaa no ne tim sɛ, ‘Ewom sɛ mensuro Nyankopɔn na memmu nnipa deɛ, nso, sɛnea kunafoɔ yi kɔ so ha me nti, mɛhwɛ na mabu atɛntenenee, na wamma ammɛdwane me ho bio.’ ”
Fedezd fel: Luka 18:4-5
5
Luka 18:17
Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a onnye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra kumaa he, kwane biaa so ɔnkɔ mu koraa.”
Fedezd fel: Luka 18:17
6
Luka 18:16
Nso, Yesu frɛɛ mmɔfra he baa ne nkyɛne kaa sɛ, “Homma mmɔfra he mmra me nkyɛne, na honsi bɛ kwane, efiri sɛ bɛ a bɛte saa ne Nyankopɔn ahennie he yɛ bɛ dea.
Fedezd fel: Luka 18:16
7
Luka 18:42
Nti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hu adeɛ; wo gyidie agye wo.”
Fedezd fel: Luka 18:42
8
Luka 18:19
Yesu bisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wofrɛ me papa? Biaa nyɛ papa gye baako pɛ, ɔno ne Nyankopɔn.
Fedezd fel: Luka 18:19
Kezdőoldal
Biblia
Tervek
Videók