Gyenesis 5

5
Adam awo ntoatoaso
(1 Berɛsosɛm 1.1-4)
1 # Gye 1.27-28; Luka 3.38; 1 Be 1.1-4 Adam awo ntoatoaso nhoma ni: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ne suban so na ɔyɛɛ no; 2#Mat 19.4; Mar 10.6 ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn, na ohyiraa wɔn, na ɔtoo wɔn din onipa.
3 # Nnw 51.5; 1 Ko 15.49 Na Adam dii mfirihyia ɔha aduasa na ɔwoo babarima wɔ ne sɛso so sɛ ne suban so, na ɔtoo no din Set. 4Na Adam woo Set no akyi no odii mfirihyia ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 5Na Adam nna a odii nyinaa si mfe ahankron aduasa, na owui.
6Na Set dii mfirihyia ɔha ne anum na ɔwoo Enos. 7Na Set woo Enos no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe ne asɔn, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 8Na Set nna nyinaa si mfe ahankron ne dumien, na owui.
9Na Enos dii mfirihyia aduakron na ɔwoo Kenan. 10Na Enos woo Kenan no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe ne dunum, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 11Na Enos nna nyinaa si mfe ahankron ne anum, na owui.
12Na Kenan dii mfirihyia aduɔsɔn na ɔwoo Mahalaleel. 13Na Kenan woo Mahalaleel no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe aduanan, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 14Na Kenan nna nyinaa si mfe ahankron ne du, na owui.
15Na Mahalaleel dii mfirihyia aduosia anum na ɔwoo Yared. 16Na Mahalaleel woo Yared akyi no, odii mfe ahanwɔtwe aduasa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 17Na Mahalaleel nna nyinaa si mfe ahanwɔtwe aduakron anum, na owui.
18Na Yared dii mfirihyia ɔha aduosia abien na ɔwoo Enok. 19Na Yared woo Enok akyi no, odii mfe ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 20Na Yared nna nyinaa si mfe ahankron aduosia abien, na owui.
21Na Enok dii mfirihyia aduosia anum na ɔwoo Metusela. 22#Gye 6.9; Yuda 14 Na Enok woo Metusela no akyi no, ɔne Nyankopɔn nantewee mfirihyia ahasa, na ɔsan woo mmammarima ne mmabea. 23Na Enok nna nyinaa si mfe ahasa aduosia anum. 24#Heb 11.5; Yuda 14 Na Enok ne Nyankopɔn nantewee; na wanhu no efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe. 25Na Metusela dii mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe ason na ɔwoo Lamek. 26Na Metusela woo Lamek no akyi no, odii mfe ahansɔn aduɔwɔtwe abien, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 27Na Metusela nna nyinaa si mfe ahankron aduosia akron, na owui.
28Na Lamek dii mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe abien na ɔwoo ɔbabarima, 29#Gye 3.17-19 na ɔtoo no din Noa, na ɔkae sɛ: Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a AWURADE adome no so. 30Na Lamek woo Noa no akyi no, odii mfe ahanum aduɔkron anum, na ɔsan woo mmammarima ne mmabea. 31Na Lamek nna nyinaa si mfirihyia ahansɔn aduɔsɔn asɔn, na owui. 32Na Noa dii mfirihyia ahannum, na Noa woo Sem, Ham ne Yafet.

Pilihan Saat Ini:

Gyenesis 5: ATWDB

Sorotan

Berbagi

Salin

None

Ingin menyimpan sorotan di semua perangkat Anda? Daftar atau masuk