Gyenesis 32

32
Yakob hyia Esau
1 # Gye 28.12; Nnw 34.7 Na Yakob sii ne kwan so. Na Onyankopɔn abɔfo behyiaa no. 2Na Yakob huu wɔn no, ɔkae sɛ: Onyankopɔn asafo ni. Na ɔtoo hɔ din: Mahanaim.
3 # Gye 36.8 Na Yakob tutuu abɔfo dii n'anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wuram. 4Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sɛnea monka nkyerɛ me wura Esau ne sɛ: W'akoa Yakob se: Mekɔtenaa Laban nkyɛn na ɛhɔ na mewɔ de abedu sesɛɛ, 5na manya anantwi ne mfurum, nguan ne nkoa ne mfenaa; na masoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura, na manya w'anim dom.
6Na abɔfo no san baa Yakob nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛakɔ wo nua Esau nkyɛn, na ɔno nso ne mmarima ahanan reba abehyia wo. 7Ɛnna Yakob suroe sɛ, na ne ho hiaa no; na ɔkyɛɛ nkurɔfo a wɔwɔ ne nkyɛn, ne nguan, anantwi ne yoma no mu akuw abien kae sɛ: 8Sɛ Esau ba kuw biako so bekum wɔn a, ekuw a ɛbɛka no benya ɔkwan aguan.
9 # Gye 31.3, 13 Na Yakob kae sɛ: M'agya Abraham Nyankopɔn ne m'agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wusee me sɛ: San kɔ w'asase so ne w'abusua mu na mɛyɛ wo yiye no, 10#2 Sa 7.18 w'adɔe ne wo nokware a wode akyerɛ w'akoa yi mu biara nsɛ me, efisɛ mede me poma na mitwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuw abien. 11Mesrɛ wo, yi me fi me nua, Esau nsam, efisɛ misuro no sɛ ɔbɛba abekum me ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa. 12#Gye 22.17 Wo na wokae sɛ: Yiye na mɛyɛ wo, na mɛma w'asefo ayɛ sɛ mpoano anwea a dodow nti wontumi nkan.
13Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na oyii nea ɛwɔ ne nsam bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau; 14mmirekyibere ahanu ne mpapo aduonu, nguammere ahanu ne adwennini aduonu, 15yoma a wɔma nufu ne wɔn mma aduasa, anantwibere aduanan ne anantwinini du, mfurummere aduonu ne mfurum anini du. 16Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuwakuw, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsen nni me kan, na momma kuw ne kuw ntam mpan. 17Na ɔhyɛɛ nea odi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau behyia wo, na obisa wo sɛ: Hena nipa ne wo, na ɛhe na worekɔ, na eyinom a edi w'anim yi yɛ hena dea? 18Ka kyerɛ no sɛ: W'akoa Yakob dea; ɛyɛ ayɛyɛde a wasoma de rebrɛ me wura Esau; na hwɛ, ɔno nso wɔ yɛn akyi. 19Na ɔhyɛɛ nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa ne wɔn a wodi mmoakuw no akyi nyinaa nso sɛ: Sɛ mukohu Esau a, monka asɛm yi nkyerɛ no. 20Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w'akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Na ose: Mede ayɛyɛde a edi m'anim yi merekɔpata no, ansa na mahu n'anim; ebia ɔbɛhwɛ m'anim. 21Na ayɛyɛde no sen dii n'anim; na ɔno de, ɔtenaa nsra no mu anadwo no.
22Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu, ne ne mmaawa baanu no, ne ne mma dubiako no de wɔn kotwaa Yabok asutwaree. 23Na ɔde wɔn twaa asubɔnten no, na ɔmaa nea ɔwɔ nyinaa twae.
Yakob ne ɔbɔfo bi tentam
24 # Hos 12.3-4 Na ɛkaa Yakob nko ara. Na ɔbarima bi ne no bɛtentamee koduu adekyee. 25Na ɔbarima no hui sɛ ontumi no no, ɔkaa n'asen so tokuru mu, na Yakob dwonku huanee tentam a ɔne no tentamee no mu. 26#Mat 15.22-28 Na ɔbarima no kae sɛ: Ma menkɔ, na ade rekye. Na Yakob se: Meremma wonkɔ gye sɛ wuhyira me. 27Na obisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Yakob. 28#Gye 35.10 Na ɔkae sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ wo Israel, ase ne: Onyankopɔn kofoni, efisɛ wo ne Nyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi. 29#Ate 13.17-18 Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ose ɛdɛn nti na wubisa me din? Na ohyiraa no wɔ hɔ. 30#Eks 33.20 Na Yakob too hɔ din Peniel, ase ne: efisɛ ose: Me ne Nyankopɔn adi nhuanim nso me kra anya nkwa.
31Otwaa mu wɔ Peniel, bere a na owia apue no, na ɔtɔ gu so ne dwonku a ahuan no nti. 32Enti Israelfo nni ntini a ɛwɔ asen mu akwaa tokuru mu no de besi nnɛ, efisɛ ɔkaa Yakob dwonku tokuru mu, n'asen mu ntini no so.

Markert nå:

Gyenesis 32: ATWDB

Marker

Del

Kopier

None

Vil du ha høydepunktene lagret på alle enhetene dine? Registrer deg eller logg på