1
Yohane 10:10
Asante Twi Nkwa Asɛm
Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara.
Uporedi
Istraži Yohane 10:10
2
Yohane 10:11
“Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan.
Istraži Yohane 10:11
3
Yohane 10:27
Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi.
Istraži Yohane 10:27
4
Yohane 10:28
Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam.
Istraži Yohane 10:28
5
Yohane 10:9
Mene ɛpono no. Obiara a ɔnam me so bɛwura mu no bɛnya nkwa; wɔbɛwura mu asane afiri adi na wɔbɛnya adidibea.
Istraži Yohane 10:9
6
Yohane 10:14
“Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan na me nnwan nso nim me
Istraži Yohane 10:14
7
Yohane 10:29-30
MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. Me ne Agya no yɛ baako.”
Istraži Yohane 10:29-30
8
Yohane 10:15
sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mɛwu ama nnwan no.
Istraži Yohane 10:15
9
Yohane 10:18
Obiara rentumi nnye me nkwa mfiri me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesane gye bio. Yei ne deɛ mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”
Istraži Yohane 10:18
10
Yohane 10:7
Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mene nnwammuo no ano ɛpono no.
Istraži Yohane 10:7
11
Yohane 10:12
Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwan so no nyɛ nnwan no wura ɛno enti, sɛ ɔhunu sɛ pataku reba a, ɔdwane gya nnwan no hɔ, na pataku no to hyɛ nnwan no so ma wɔbɔ pete.
Istraži Yohane 10:12
12
Yohane 10:1
“Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifoɔ.
Istraži Yohane 10:1
Početna
Biblija
Planovi
Video zapisi