1
Asomafoɔ 13:2-3
Twerɛ Kronkron
Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu. Ɛnna wɔdii mmuada na wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ no, wɔgyaa wɔn kwan.
Compare
Explore Asomafoɔ 13:2-3
2
Asomafoɔ 13:39
na nnoɔma a montumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, oyi mu na obiara a ɔgye die no di ho bem.
Explore Asomafoɔ 13:39
3
Asomafoɔ 13:47
Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagyeɛ akɔduru asase ano.
Explore Asomafoɔ 13:47
Home
Bible
Plans
Videos