YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 13

13
Wɔsoma Barnaba ne Saulo
1 # Aso 11.27 Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo. 2#Aso 9.15 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu. 3#Aso 14.23; 6.6 Ɛnna wɔdii mmuada na wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ no, wɔgyaa wɔn kwan.
4Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wɔsii mu kɔɔ Seleukia, na wɔfiri hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro. 5#Aso 12.12; 12.25 Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.
Sergio Paulo ne Elima
6Na wɔtwaa mu supɔ no so kɔduruu Pafo no, wɔhunuu osumanni odiyifoɔ torofoɔ bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu. 7Ɔno na na ɔka Amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ na ɔrepɛ Nyankopɔn asɛm atie. 8#2 Ti 3.8 Na osumanni Elima no (nso sɛdeɛ ne din nkyerɛaseɛ teɛ ara ne no) sii wɔn kwan, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho. 9Na Saulo a wɔfrɛ no Paulo nso a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ no dinn 10kaa sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusuo nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, tenenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛtene no konton anaa? 11Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani bɛfira, na worenhunu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum bɛduruu no so maa no kyini hwehwɛɛ obi a ɔbɛsɔ ne nsa akyerɛ ne kwan. 12Ɛberɛ a amrado no hunuu deɛ asie no, ɔgye diiɛ, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiri.
Perge ne Antiokia
13 # Aso 15.38 Na Paulo ne ne mfɛfoɔ tu firii Pafo no, wɔbaa Perge a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho firii wɔn ho sane kɔɔ Yerusalem. 14Na wɔn deɛ, wɔfirii Perge no, wɔtwaa mu baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.
Paulo asɛnka wɔ Antiokia
15 # Aso 15.21 Na wɔwiee mmara ne adiyifoɔ no kenkan no, hyiadan no mu mpanimfoɔ soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka! 16Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamm kaa sɛ: Israel mmarima ne mo a mosuro Onyankopɔn, montie! 17#Yes 1.2; Eks 12.37; 12.41; 14.8 Israel man yi, Nyankopɔn na ɔyii yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔhoɔ no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama soɔ yii wɔn firii hɔ. 18#Eks 16.35; Num 14.34; Deut 1.31 Na ɛbɛyɛ mfirinhyia aduanan na ɔkuraa wɔn mu nyaa wɔn ho boasetɔ danedanee wɔn, ɛserɛ so. 19#Deut 7.1; Yos 14.2 Na ɔsɛee aman nson Kanaan asase soɔ no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn. 20#Ate 2.16; 1 Sa 3.20 Na ɛno akyiri bɛyɛ mfirinhyia ahanan aduonum no, ɔmaa wɔn atemmufoɔ de bɛsii Odiyifoɔ Samuel so. 21#1 Sa 8.5; 10.21; 10.24 Na ɛfiri ɔno soɔ no, wɔbisaa sɛ wɔmma wɔn ɔhene; na Onyankopɔn de Saulo, Kis ba a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu maa wɔn mfirinhyia aduanan. 22#1 Sa 16.12-13; 13.14 Na ɔtuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na ɔdii no adanseɛ sɛ: Mahunu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a m’akoma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.
23 # 2 Sa 7.12; Yes 11.1 Oyi asefoɔ mu na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ soɔ yii Yesu yɛɛ no Israel Agyenkwa. 24#Luk 3.3 Nso Yohane kaa adwensakyera asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba. 25#Yoh 1.20; 1.27; Luk 3.16; Mar 1.7 Na Yohane reyɛ awie ne dwumadie no, ɔkaa sɛ: Mosusu sɛ mene hwan? Ɛnyɛ mene no; na hwɛ, obi di m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne nan ase mpaboa.
26 # Aso 13.46 Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn. 27#Yoh 16.3 Na ɛsiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim no ne adiyifoɔ nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wɔbuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu. 28#Mat 27.22-23 Na wɔanhunu adeɛ biara a ɛfata owuo wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wɔnku no. 29#Mat 27.59-60 Na wɔwiee deɛ wɔatwerɛ ne ho nyinaa no, wɔyii no firii dua no ho de no kɔtoo ɛda mu. 30#Aso 3.15 Na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu, 31#Aso 1.3 na nna bebree, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔne no firi Galilea baa Yerusalem no; wɔn ara ne n’adansefoɔ ma ɔman no. 32#Aso 13.23 Na yɛn deɛ, yɛka mo bɔ a wɔhyɛɛ agyanom no ho asɛmpa 33#Dwom 2.7 sɛ Onyankopɔn ama no aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyane Yesu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Dwom a ɛtɔ so mmienu no mu sɛ:
Wone me ba,
ɛnnɛ na mawo woɔ.
34 # Yes 55.3 Na sɛ ɔnyanee no firii awufoɔ mu, na ɔrensane nkɔ porɔ mu bio no, ɔkaa no wɔ saa kwan yi so sɛ:
Mede Dawid adonneɛ a ɛsi hɔ pintinn no bɛma mo.
35 # Dwom 16.10 Enti nso ɔkaa no Dwom foforɔ mu sɛ:
Woremma wo kronkronni no nhunu porɔeɛ.
36 # Aso 2.29 Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ; 37nanso deɛ Onyankopɔn nyanee no no anhunu porɔeɛ.
38 # Aso 10.43 Enti, anuanom, monhunu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔne fakyɛ kyerɛ mo; 39#Num 15.30; Rom 10.4 na nnoɔma a montumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, oyi mu na obiara a ɔgye die no di ho bem. 40#Hab 1.5 Enti monhwɛ yie, na asɛm a wɔaka no adiyifoɔ mu no amma mo so sɛ:
41Monhwɛ, mo fɛdifoɔ,
na ɛnyɛ mo nwanwa na monyera;
ɛfiri sɛ meyɛ adwuma bi wɔ mo berɛ so,
adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nnie.
42Na wɔfiri hyiadan mu hɔ firii adie no, wɔsrɛɛ sɛ homeda foforɔ wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio. 43#Aso 11.23 Na wɔn a wɔahyia mu no paepaee mu no, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ nyamesurofoɔ no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Nyankopɔn adom no mu.
Asomafoɔ no kɔ amanaman mufoɔ nkyɛn
44Na homeda foforɔ duruiɛ no, ɛkaa kumaa, na anka kuro mu no nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm. 45#Aso 13.50; 14.2 Na Yudafoɔ no hunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, anibereɛ nti, wɔkasakasa tiaa deɛ Paulo reka no gyee no akyinnyeɛ, na wɔkaa abususɛm. 46#Aso 3.26; Mat 10.6; Luk 7.30 Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn. 47#Yes 49.6 Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ:
Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea,
na woayɛ nkwagyeɛ akɔduru asase ano.
48 # Rom 8.29 Na amanaman mufoɔ no teeɛ no, wɔn ani gyee, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no animuonyam. Na dodoɔ a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.
Ɔtaa de wɔn kɔ Ikonium
49Na Awurade asɛm no trɛɛ asase no nyinaa so. 50Na Yudafoɔ no hwanyann mmaa nyamesurofoɔ a wɔwɔ din ne kuro no mu atitire, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpamm wɔn firii wɔn asase so. 51#Aso 18.6; Mat 10.14 Ɛnna wɔporoporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn soɔ, na wɔbaa Ikonium. 52Na asuafoɔ no deɛ, anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.

Currently Selected:

Asomafoɔ 13: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Asomafoɔ 13