YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 14

14
Paulo ne Barnaba kɔ Likaonia
1Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ. 2#Aso 13.45 Na Yudafoɔ a wɔnnye nni no hwanyann amanaman mufoɔ no maa wɔnyaa anuanom no ho adwemmɔne. 3#Aso 19.11; Heb 2.4 Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii n’adom asɛm no ho adanseɛ, na ɔnam wɔn nsa so maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ. 4Nanso kuro mu hɔfoɔ no mu paee, ɔfa wɔ Yudafoɔ no afa, na ɔfa nso wɔ asomafoɔ no afa. 5#Aso 14.19; 2 Ti 3.11 Na amanaman mufoɔ no ne Yudafoɔ ne wɔn mpanimfoɔ no bɔɔ kirididi baa sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa, na wɔakɔsi wɔn aboɔ no, 6wɔhunui, na wɔdwane kɔɔ Likaonia nkuro Listra ne Derbe ne asase a ɛda ho no so; 7#Aso 11.19-20 na wɔtenaa hɔ kaa asɛmpa no.
Obubuani bi ayaresa
8 # Aso 3.2 Na ɔbarima bi wɔ Listra a ɔntumi nnyina ne nan soɔ, na ɔte hɔ, ɔyɛ obubuani firi ne na yam, na ɔnnantee da. 9#Mat 9.28 Oyi tee sɛ Paulo rekasa; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hunuu sɛ ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛnya ayaresa, 10enti ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyirebenn! Na ɔhurihurii, na ɔnanteeɛ. 11#Aso 28.6 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kaa no Likaonia kasa mu sɛ: Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asianesiane aba yɛn nkyɛn! 12Na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, na Paulo nso, wɔfrɛɛ no Hermes, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔka asɛm. 13Na Seus a n’asɔredan wɔ kuro no anim no sɔfoɔ de anantwinini ne nhwiren a wɔakyekyerɛ baa kuro no aboboano pɛɛ sɛ ɔne nkurɔfoɔ akuakuo no de bɛbɔ afɔdeɛ. 14Na asomafoɔ Barnaba ne Paulo teeɛ no, wɔsunsuanee wɔn ntoma mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuo no mu teaa mu sɛ: 15#Aso 10.26 Mmarima, adɛn na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. 16#Aso 17.30 Ɔno na tete berɛ a atwa mu no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ara wɔn akwan soɔ; 17#Dwom 147.8; Yer 5.24 nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam. 18Na nsɛm a wɔkaeɛ yi nyinaa akyi mpo, wɔbrɛɛ ansa na wɔretumi ama nkurɔfoɔ akuakuo no agyae wɔn afɔdeɛ no bɔ.
19 # 2 Ko 11.25; 2 Ti 3.11 Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wɔbɛhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no kutupa, na wɔsii Paulo aboɔ no, wɔtwee no firii kuro no mu susuu sɛ wawu. 20Na asuafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre kɔɔ kuro no mu. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe. 21Na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kuro mu hɔfoɔ na wɔdanee nnipa bebree asuafoɔ no, wɔsane kɔɔ Listra ne Ikonium ne Antiokia 22#Aso 11.23; 1 Te 3.3 hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu. 23#Aso 13.3 Na wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adie no nsa.
Wɔtena Antiokia
24Na wɔtwaa mu wɔ Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. 25Na wɔkaa asɛm no wɔ Perge no, wɔbɛduruu Atalia. 26#Aso 13.1-2 Na wɔfirii hɔ faa nsuo ani baa Antiokia, faako a wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa adwuma a wɔakɔwie no. 27#1 Ko 16.9 Na wɔbaeɛ na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛdeɛ wabue gyidie pono ama amanaman mufoɔ no. 28Na wɔne asuafoɔ no tenaa hɔ kyɛree.

Currently Selected:

Asomafoɔ 14: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Asomafoɔ 14