YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 15

15
Asomafoɔ ne mpanimfoɔ nhyiamu wɔ Yerusalem
1 # Gal 5.2 Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ. 2#Aso 11.30; Gal 2.1 Na afei akasakasa ne akyinnyegyeɛ denden bi baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛɛ sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem. 3Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ. 4#Aso 14.27 Na wɔduruu Yerusalem no, asafo no ne asomafoɔ ne mpanimfoɔ no gyee wɔn, na wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn. 5Na ebinom a wɔfiri Farisifoɔ fekuo mu a wɔagye adie sɔree, na wɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni Mose mmara no soɔ. 6Na asomafoɔ ne mpanimfoɔ no bɛhyiaa sɛ wɔbɛhwɛ asɛm yi.
7 # Aso 10.44; 11.15 Na wɔgyee ho akyinnyeɛ pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara monim sɛ mfitiaseɛ no ara na Onyankopɔn yii me wɔ yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anomu asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni. 8Na Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no dii wɔn adanseɛ maa wɔn Honhom Kronkron sɛdeɛ ɔmaa yɛn nso no; 9#Aso 10.34 na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu. 10#Gal 3.10; 5.1 Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔnnua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafoɔ no kɔn soɔ? 11#Gal 2.16; Efe 2.4-10 Na Awurade Yesu adom so mmom na yɛgye di sɛ wɔnam bɛgye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso. 12Na nnipakuo no nyinaa yɛɛ komm, na wɔtiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ no amanaman no mu.
13 # Aso 21.18; Gal 2.9 Na wɔn ano siiɛ no, Yakobo buaa sɛ: Anuanom, montie me! 14#Aso 15.7-9 Simeon aka sɛdeɛ kane Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no, sɛ ɔreyi wɔn mu nnipa ama ne din. 15#Amos 9.11-12 Yei so na adiyifoɔ no nsɛm sie, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:
16Yeinom akyiri no mɛsane
mabɛsi Dawid ntomadan a ahwe ase no bio,
na masi deɛ wɔadwirie no bio,
na mama so bio.
17Na nnipa a aka no
ne amanaman a wɔbɛbɔ me din wɔ mu no nyinaa ahwehwɛ Awurade akyiri kwan
18Awurade a ɔma wɔhunuu yeinom nyinaa firi wiase asefire no na ɔka.
19Enti m’asɛm a mewɔ meka ne sɛ: Wɔnnha wɔn a wɔfiri amanaman no mu adane aba Nyankopɔn nkyɛn no; 20#Gye 9.4; Lew 3.17 na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho. 21#Aso 13.15 Na ɛfiri tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkuro nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.
Wɔde ɔmane nwoma kɔma amanaman asafo no
22Enti ɛyɛɛ asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo mu no sɛ ɛyɛ sɛ wɔyi wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitire, 23na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no. 24#Aso 15.1 Ɛsiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi firi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani, aha mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti, 25yɛde nokorɔ hyiaeɛ no, ɛyɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ sɛ yɛyi nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo, 26nnipa a yɛn Awurade Yesu Kristo din nti wɔde wɔn kra ama no, ho ba mo nkyɛn. 27Enti yɛasoma Yuda ne Silas a wɔde ano nso bɛka nsɛm no ara. 28Na ɛsɔɔ Honhom Kronkron ne yɛn ani sɛ, wɔmfa adesoa bi nto mo soɔ, gye deɛ ɛhia yi ara, ɛne 29sɛ monyi mo ho mfiri nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne adwamammɔ mu; ɛno na sɛ moyi mo ho firi ho a, ɛyɛ. Ɛnsi mo yie!
30Na afei wɔgyaa wɔn kwan no, wɔbaa Antiokia; na wɔmaa asafo no hyiaeɛ no, wɔyii nwoma no mae. 31Na wɔkenkaneeɛ no, awerɛkyekyerɛ no nti wɔn ani gyee. 32#Aso 11.27; 13.1 Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifoɔ no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den. 33Na wɔkyɛree hɔ kakra no, anuanom no gyaa wɔn kwan dwoodwoo kɔɔ wɔn a wɔsomaa wɔn no nkyɛn. 34[Nanso ɛyɛɛ Silas sɛ ɔntena hɔ ara.]#15.34 Tete Atwerɛ afoforɔ binom a wɔgye tomu no mfa nkyekyɛmu 34 nka ho. 35Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no.
Silas si Barnaba ananmu
36 # 1 Te 3.5 Na nna bi twaa mu no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsane nkɔhwɛ anuanom no nkuro a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ. 37#Aso 12.12; 12.25 Na Barnaba kaa sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho. 38#Aso 13.13 Nanso Paulo susuu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔbɛfa deɛ ɔtwee ne ho firii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho. 39Ɛnna akasakasa a emu yɛ den baeɛ, na ɛmaa wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsuo ani kɔɔ Kipro; 40na Paulo faa Silas, na anuanom no de no hyɛɛ Nyankopɔn adom nsa no, ɔsii mu kɔe. 41Na ɔkɔtwaa mu Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.

Currently Selected:

Asomafoɔ 15: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Asomafoɔ 15