YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 12

12
Wɔde Petro to afiase
1 # Aso 4.3 Saa berɛ yi ara na Ɔhene Herode tenee ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayadeɛ. 2Ɔde nkrantɛ kumm Yohane nua Yakobo.
3Na ɔhunuu sɛ ɛsɔɔ Yudafoɔ ani nti, ɔtoaa so kɔfaa Petro nso, nanso na ɛyɛ Apiti nna; 4na ɔkyee no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafoɔ baanan a wɔwɛn bom saa ahodoɔ nnan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyiri no, ɔyi no kɔkyerɛ ɔman no. 5Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no.
Ɔbɔfoɔ bi yi Petro
6Anadwo no ara a Herode rebɛyi no akorɔ no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no, na awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ɛpono ano rewɛn afiase no anibereɛ so. 7#Aso 5.19 Na hwɛ, Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa ne nkyɛn, na ɛdan no mu hɔ hrann; na ɔbɔɔ Petro nkyɛn mu nyanee no sɛ: Sɔre ntɛm! Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no firii ne nsa gui. 8Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ w’abɔsoɔ na hyɛ wo mpaboa! Na ɔyɛɛ saa. Na ɔsee no sɛ: Fira wo ntoma na di m’akyi! 9Na ɔfirii adi dii n’akyi; na na ɔnnim sɛ deɛ ɔbɔfoɔ no yɛeɛ no yɛ ampa, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ ɔrehunu n’ani so adeɛ. 10Na wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi kan ne wɔn a wɔtɔ so mmienu ho no, wɔduruu dadeɛ pono a ɛde kɔ kuro no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wɔfirii adi twaa mu borɔno baako so, na ntɛm ara ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ. 11Na Petro ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Afei na mahunu ampa sɛ Awurade asoma ne bɔfoɔ abɛyi me afiri Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ man retwɛn nyinaa mu.
Asafo no anigyeɛ
12 # Aso 15.37 Na ɔresusu ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fie; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ano rebɔ mpaeɛ. 13Na ɔrebɔ aboboano pono no mu no, abaawa bi a ne din de Rode ba bɛtiee. 14Na ɔtee Petro nne no, anigyeɛ nti wammue ɛpono no, na ɔtutuu mmirika kɔkaa sɛ Petro gyina ɛpono no akyi. 15#Luk 24.37 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kaa sɛ ɛte saa. Na wɔkaa sɛ: Ɛyɛ ne bɔfoɔ! 16Na Petro da so rebɔ pono no mu ara; na wɔbueeɛ no, wɔhunuu no, na wɔn ho dwirii wɔn. 17Na ɔde ne nsa nyamm wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, na ɔkaa sɛdeɛ Awurade yii no firii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ɔse: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom no. Na ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.
18 # Aso 5.21-22 Na adeɛ kyeeɛ no, ahoyera a ɛbaa asraafoɔ no mu nyɛ adewa, sɛ ɛdeɛn ara na ayɛ Petro. 19Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, ɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ ɛyɛeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔkum wɔn. Na ɔsiane firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ.
Herode wuo a ɛyɛ hu
20 # 1 Ah 5.11; Hes 27.17 Afei na Herode afa Tirofoɔ ne Sidonfoɔ ho abufuo; enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ amannwoeɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene no asase so na wɔnya nnuane.
21Na da a wɔhyɛeɛ duruiɛ no, Herode hyɛɛ n’ahentadeɛ, na ɔtenaa asɛnnie adwa so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn. 22#Hes 28.2 Na ɔman no huroo sɛ: Onyame bi nne nie, na ɛnyɛ onipa deɛ. 23#Dan 5.20 Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfoɔ bɛbɔɔ no, ɛfiri sɛ wamfa animuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔree mmoaa, na ɔwuiɛ.
Barnaba ne Saulo sane ba Antiokia
24 # Aso 6.7; Yes 55.11 Na Nyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na ɛtrɛe. 25#Aso 11.29; 12.12; 15.37 Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wɔsane firii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho.

Currently Selected:

Asomafoɔ 12: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Asomafoɔ 12