1
1 Mose 27:28-29
Asante Twi Nkwa Asɛm
Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ, na afuom aduane ne nsã mmu wo so. Amanaman bɛsom wo, na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe. Wobɛdi wo nuanom so, na wo maame mma nso akoto wo. Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa, na wɔn a wɔhyira wo nyinaa nso, wɔbɛhyira wɔn.”
Compare
Explore 1 Mose 27:28-29
2
1 Mose 27:36
Esau kaa sɛ, “Ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔfrɛ no Yakob a aseɛ kyerɛ nantitwitwafoɔ. Yei ne ne mprenu so a wadaadaa me. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panin. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya sɛ, “Enti, woannya me nhyira no bi a wode bɛhyira me nso?”
Explore 1 Mose 27:36
3
1 Mose 27:39-40
Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ, “Tie! Asase kesee so na wobɛtena, na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so. Wode wo akofena na ɛbɛtena ase, na woasom wo nua kumaa. Nanso, daakye bi, sɛ wokentene wo ho a, wobɛfiri wo nua no som ase.”
Explore 1 Mose 27:39-40
4
1 Mose 27:38
Esau bisaa nʼagya sɛ, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Ao, agya, hyira me nso bi!”
Explore 1 Mose 27:38
Home
Bible
Plans
Videos