Afei, Yakob kaa ntam sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantuo yi mu, ama me aduane adi, ama me ntoma afira, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsane aba mʼagya fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ, AWURADE bɛyɛ me Onyankopɔn. Saa ɛboɔ a mede asi hɔ sɛ nkaeɛdum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu edu mu baako bɛma wo.”