1
Luka 13:24
Asante Twi Nkwa Asɛm
“Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛpere sɛ wɔbɛwura mu, nanso wɔrentumi.
Compare
Explore Luka 13:24
2
Luka 13:11-12
na ɔbaa bi wɔ hɔ a honhommɔne mu yadeɛ bi akyere no mfeɛ dunwɔtwe ama ne mu akoa a ɔntumi ntene ne mu koraa. Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den.”
Explore Luka 13:11-12
3
Luka 13:13
Ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtumi tenee ne mu. Na ɔbaa no yii Onyankopɔn ayɛ.
Explore Luka 13:13
4
Luka 13:30
Na monkae sɛ akyikafoɔ bi wɔ hɔ a, wɔbɛdi ɛkan, na adikanfoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”
Explore Luka 13:30
5
Luka 13:25
Sɛ ɛba sɛ efiewura no ato ɛpono no mu a, mobɛba abɛgyina akyire abɔ mu, aka sɛ, ‘Owura, yɛsrɛ wo, bue yɛn.’ “Na ɔno nso abisa mo sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo?’
Explore Luka 13:25
6
Luka 13:5
Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara.”
Explore Luka 13:5
7
Luka 13:27
“Na efiewura no nso bɛbisa mo bio sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!’
Explore Luka 13:27
8
Luka 13:18-19
Afei, Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm, na ɔbisaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no te sɛn? Na ɛdeɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ aseɛ? Onyankopɔn Ahennie no te sɛ onyina aba ketewa bi a obi dua wɔ nʼafuo mu na ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ ma ewiem nnomaa kɔnwono wɔn mpirebuo wɔ so.”
Explore Luka 13:18-19
Home
Bible
Plans
Videos