1
Luka 14:26
Asante Twi Nkwa Asɛm
“Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani.
Compare
Explore Luka 14:26
2
Luka 14:27
Obiara a ɔdi mʼakyi na ɔntumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.
Explore Luka 14:27
3
Luka 14:11
Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”
Explore Luka 14:11
4
Luka 14:33
Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.
Explore Luka 14:33
5
Luka 14:28-30
“Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bɛwie? Anyɛ saa na ɔhyɛ ɛdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu no nyinaa bɛsere no, aka sɛ, ‘Onipa yi hyɛɛ aseɛ sɛ ɔresi ɛdan, nanso wantumi anwie’.
Explore Luka 14:28-30
6
Luka 14:13-14
Na sɛ woto ɛpono a, hyia ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ. Esiane sɛ wɔntumi nyɛ saa bi mma wo no enti, ɛda a ateneneefoɔ bɛsɔre afiri awufoɔ mu no, Onyankopɔn bɛhyira wo.”
Explore Luka 14:13-14
7
Luka 14:34-35
“Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? Ɛho nni mfasoɔ mma biribiara. Wɔbɛto agu. “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”
Explore Luka 14:34-35
Home
Bible
Plans
Videos