Na ɔde no kɔɔ baabi a ɛkorɔn kɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa prɛko pɛ. Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu anuonyam mɛma wo; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede ma no; enti sɛ wokotow sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea. Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!