Luka 4
4
Yesu sɔhwɛ
(Mateo 4.1-11; Marko 1.12-13)
1Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no san fii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ sare so. 2Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na owiee no, ɔkɔm dee no. 3Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, hyɛ ɔbo yi na ɛnnan abodoo. 4#Deut 8.3 Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase. 5Na ɔde no kɔɔ baabi a ɛkorɔn kɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa prɛko pɛ. 6Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu anuonyam mɛma wo; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede ma no; 7enti sɛ wokotow sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea. 8#Deut 6.13-14 Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no! 9Na ɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɔde no kogyinaa asɔrefi atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, tow wo ho fi ha yi kyene fam! 10#Nnw 91.11-12 Na wɔakyerɛw sɛ:
Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo sɛ wɔmmɛhwɛ wo.
11Na:
Wɔbɛsoa wo wɔn nsam,
na woamfa wo nan ampem ɔbo.
12 #
Deut 6.16
Na Yesu bua see no sɛ: Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ! 13#Heb 4.15 Na ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe kakra.
Yesu asɛnka mfiase
(Mateo 4.12-17; Marko 1.14-15)
14Na Yesu nam Honhom Kronkron no ahoɔden mu san baa Galilea, na ne ho asɛm trɛwee asase a atwa ahyia no so nyinaa. 15Na ɔkyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa hyɛɛ no anuonyam.
Yesu Nasaret asɛnka
(Mateo 13.53-58; Marko 6.1-6)
16Na ɔbaa Nasaret a wɔtetew no wɔ hɔ no, na homeda, sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan. 17#Yes 61.1-2 Na wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛw nhoma no mu huu faako a wɔakyerɛw sɛ: 18Awurade honhom wɔ me so,
na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo;
wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum
ne adehu menkyerɛ anifuraefo,
na memmrɛ wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no fawohodi,
19 #
Lew 25.10
na memmɛda afe a Awurade anisɔ bɛba ne nkurofo so no adi.
20Na ɔbobɔw nhoma no de maa ɔsomfo no tenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn. 21Na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm yi aba mu mo asom. 22#Yoh 6.42 Na wɔn nyinaa dii no adanse, na adom nsɛm a efi n’anom no yɛɛ wɔn nwonwa, na wobisae sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa? 23#Mat 4.13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bebu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yare! Nneɛma a yɛate sɛ woyɛe Kapernaum no, yɛ bi w’agya kurom ha nso! 24#Yoh 4.44 Ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔmpɛ odiyifo biara agye no n’agya kurom. 25#1 Ah 17.1; 17.9; 18.1; Yak 5.17 Na meka no nokwarem, Elia bere so a ɔsoro mu toe mfirihyia abiɛsa ne asram asia na ɔkɔm kɛse baa asase no nyinaa so no, akunafo pii wɔ Israel de, 26nanso wɔansoma Elia ankɔ wɔn mu biara nkyɛn sɛ Sidon kurow Sarepta mu ɔbea kunafo bi nkyɛn. 27#2 Ah 5.14 Na odiyifo Elisa bere so no akwatafo pii wɔ Israel de, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi sɛ Siriani Naaman.
Ne nkurɔfo pɛ sɛ wokum no
28Na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa tee saa no, abufuw hyɛɛ wɔn ma. 29Na wɔsɔre sunsum no fii kurow no mu hɔ de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow no da so no ano sɛ wɔkɔwɔ no akɔmfo. 30Nanso ɔfaa wɔn mfinimfini kɔe.
Yesu sa obi a ɔwɔ honhommɔne yare
(Marko 1.21-28)
31 #
Mat 4.13; Yoh 2.12 Na ɔbaa Galilea kurow bi a ɛde Kapernaum mu; na daa homeda ɔkyerɛkyerɛ wɔn. 32#Mat 7.28-29; Yoh 7.46 Na ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn ahodwiriw, efisɛ n’asɛm no mu wɔ tumi. 33Na onipa bi wɔ hyiadan mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne a ɛyɛ honhom fi, na ɔde nne kɛse teɛɛm 34sɛ: Mmɛhaw yɛn! Ɛdɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ko, wone Onyankopɔn kronkronni no. 35Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano, na fi no mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfinimfini hɔ fii no mu kɔe, na wanyɛ no hwee. 36Na wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wofi adi yi? 37Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ asase a atwa ahyia no nkurow nyinaa mu.
Petro asebea ayaresa
(Mateo 8.14-17; Marko 1.29-39)
38Na ɔsɔre fii hyiadan no mu hɔ baa Simon fi. Na atiridii dennen bi abɔ Simon n’asebea, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no. 39Na obegyinaa n’atifi teɛteɛɛ atiridii no, na egyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsom wɔn.
Anwonwade ahorow bebree
40Na owia retɔ no, wɔn a wɔwɔ ayarefo a nyarewa horow haw wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ no; na ɔde ne nsa guu wɔn nyinaa so mmiako mmiako saa wɔn yare. 41#Mat 8.29; Mar 3.11-12 Na ahonhommɔne nso fii nnipa pii mu kɔe, na wɔteɛɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteɛteɛɛ wɔn, wamma wɔankasa, efisɛ wonim sɛ ɔne Kristo no.
Yesu Yudea asɛnka
42Na ade kyee no, ofi kɔɔ sare so baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no hwehwɛɛ no, na wobeduu ne nkyɛn, na wosiankaa no sɛ ommfi wɔn nkyɛn nnkɔ. 43#Luka 8.1 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me. 44#Mat 4.23 Na ɔkaa asɛm Yudea hyia adan mu.#4.44 Yudea hyia adan mu: Tete akyerɛw foforo no bi ka se: Galilea
Currently Selected:
Luka 4: ATWDB
Highlight
Share
Copy
![None](/_next/image?url=https%3A%2F%2Fimageproxy.youversionapistaging.com%2F58%2Fhttps%3A%2F%2Fweb-assets.youversion.com%2Fapp-icons%2Fen.png&w=128&q=75)
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.