YouVersion Logo
Search Icon

Luka 5

5
Asuafo no frɛ
(Mateo 4.18-22; Marko 1.16-20)
1Na ɛbae sɛ nkurɔfokuw no kyeree no so sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm no, na ogyina Genesaret tare no ho; 2na ohuu akorow abien sɛ esisi ɔtare no ho, na apofofo no afi mu kɔhoro wɔn asawu. 3Na ɔkɔɔ ɔkorow no biako a ɛyɛ Simon dea no mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfi fam kakra. Na ɔtenaa ase no, ofi ɔkorow no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no. 4#Yoh 21.6 Na ogyae kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: Twiw kɔ nea ɛdɔ, na munkogu mo asawu nyi nam! 5Na Simon buae sɛ: Owura, yɛayɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti megu asawu no. 6Na wɔyɛɛ saa no, wobumaa mpataa pii; a na wɔn asawu no retetew. 7Na wonyamaa wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow biako no mu no sɛ wɔmmra mmeso wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akorow abien no mama ma anka ɛreyɛ amem. 8Na Simon Petro hui no, ɔhwee Yesu anan ase kae sɛ: Fi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛfo. 9Na ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa, mpataa dodow a woyii no nti, wɔn ho dwiriw wɔn; 10#Mat 13.47 na sɛ nso ɛyɛɛ Yakob ne Yohane, Sebedeo mma a wɔyɛ Simon mfɛfo ara nen. Na Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: Nsuro! Efi nnɛ wubeyi nnipa. 11#Mat 19.27 Na wɔde akorow no baa asase so no, wogyaw ne nyinaa hɔ dii n’akyi.
Ɔkwatani bi ayaresa
(Mateo 8.1-4; Marko 1.40-45)
12Na ɛbae sɛ ɔwɔ nkurow no biako mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam ani nyinaa baa hɔ. Na ohuu Yesu no, ɔde n’anim butuw fam srɛɛ no sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi. 13Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no kae sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na kwata no fii ne ho kɔe. 14#Lew 14.2-32 Na ɔbraa no sɛɔnnka nnkyerɛ obiara; na ose: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma sɛnea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse. 15Nanso ne ho asɛm trɛwee mmom, na nkurɔfo akuwakuw pii behyiae sɛ wobetie no, na wasa wɔn nyarewa. 16#Mar 1.35 Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ sare so kɔbɔɔ mpae.
Obubuafo bi ayaresa
(Mateo 9.1-8; Marko 2.1-12)
17Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara akyerɛkyerɛfo a wofi Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ no so a ɔde sa yare. 18Na hwɛ, mmarima bi de onipa bi a ɔda kɛtɛ so a ɔyare mmubui bae, na wɔrehwehwɛ ɔkwan de no abɛto n’anim. 19Na nkurɔfokuw no nti wɔannya ɔkwan a wɔde no bɛfa so aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfinimfini Yesu anim. 20Na ohuu wɔn gyidi no, osee no sɛ: Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo. 21#Yes 43.25 Na kyerɛwfo ne Farisifo no fii ase susuwii sɛ: Hena ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hena na obetumi de bɔne akyɛ sɛ Onyankopɔn nko ara? 22Na Yesu huu wɔn adwene no, obua see wɔn sɛ: Ɛdɛn na mususuw mo koma mu? 23Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew? 24Na nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ: Mise wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi! 25Na amonom hɔ ara ɔsɔree wɔn anim faa nea ɔdaa so no fii hɔ kɔɔ ne fi na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. 26Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkae sɛ: Ɛnnɛ de, yɛahu anwonwade.
Lewi frɛ
(Mateo 9.9-13; Marko 2.13-17)
27Na eyi akyi no, ofii adi, na okohuu towgyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atowgyei, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi! 28Na ogyaw biribiara sɔre bedii n’akyi. 29#Luka 15.1 Na Lewi tow no pon kɛse bi wɔ ne fi; na towgyefo ne nnipa foforo pii ne wɔn bɛtenaa hɔ. 30Na akyerɛwfo ne Farisifo nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom yi? 31Na Yesu see wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare no. 32Mammɛfrɛ atreneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.
Mmuadadi ho asɛm
(Mateo 9.14-17; Marko 2.18-22)
33Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo taa di mmuada na wɔbɔ mpae, na Farisifo asuafo nso yɛ saa ara, na wo asuafo de, wodidi na wɔnom! 34Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mubetumi ama ayeforo asefo no adi mmuada, bere a ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi? 35Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wobedi mmuada. 36Na obuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi mfa ntama foforo sin ntare ntama dedaw mu; ɔyɛ saa a, foforo no betu, efisɛ nea otwa fii foforo no mu no ne dedaw no nsɛ. 37Na obi mfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nsa foforo no bɛma nkotoku no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotoku no asɛesɛe. 38Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu. 39Nso obi nnom nsa dedaw nhwehwɛ foforo, na mmom ɔka sɛ: Dedaw no na eye.

Currently Selected:

Luka 5: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in