enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko na m’akoa no ho nyɛ no den. Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ. Na Yesu tee eyi no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔdan ne ho kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wodi n’akyi no sɛ: Mise mo sɛ, Israel mu po minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ.