1
Luka 8:15
KYERƐW KRONKRON
Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.
Compare
Explore Luka 8:15
2
Luka 8:14
Na nea eguu nsɔe mu no ne wɔn a wɔte, na wɔnam asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔn aba no mmere yiye.
Explore Luka 8:14
3
Luka 8:13
Ɔbotan so de no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini, na wogye di ma ɛkyɛ kakra, na sɔhwɛ bere ba a, na wɔagyae.
Explore Luka 8:13
4
Luka 8:25
Na osee wɔn sɛ: Mo gyidi wɔ he? Na wosuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsu na etie no yi?
Explore Luka 8:25
5
Luka 8:12
Ɔkwankyɛn de no ne wɔn a wɔte; na ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn komam, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.
Explore Luka 8:12
6
Luka 8:17
Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adi, na ahintaw a wɔrenhu na ɛrenna adi.
Explore Luka 8:17
7
Luka 8:47-48
Na ɔbea no hui sɛ ada adi no, ɔde ahopopo bae bɛhwee n’anim, na ɔkaa dekode nti a ɔkɔkaa no ne sɛnea ne ho sanee amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!
Explore Luka 8:47-48
8
Luka 8:24
Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne nsu a ɛworo so no; na egyae yɛɛ dinn.
Explore Luka 8:24
Home
Bible
Plans
Videos