YouVersion Logo
Search Icon

Marko 15

15
Wɔde Yesu kɔgyina amrado anim
(Mateo 27.1-2, 11-14; Luka 23.1-5; Yohane 18.28-38)
1Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.
2Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka. 3Na asɔfoɔ mpanin no totoo n’ano pii. 4Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wommua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi? 5#Mar 14.61; Yes 53.7 Na Yesu ammua hwee bio, na ɛyɛɛ Pilato nwanwa. 6Nso daa, afahyɛ no mu no, ɔgyaa odeduani baako a wɔsrɛ no ma wɔn. 7Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia Aban, a wɔadi awu basabasa no mu no mpokyerɛ. 8Na nkurɔfokuo no kɔ kɔfitii aseɛ srɛɛ no dendeenden, sɛ ɔnyɛ sɛdeɛ ɔyɛ ma wɔn daa no. 9Na Pilato bua see wɔn sɛ: Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo? 10#Yoh 11.48 Na ɔhunuu sɛ nitan nti na asɔfoɔ mpanimfoɔ no yii no maeɛ. 11Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwanyann nkurɔfokuo no mu sɛ wɔmma ɔnnyaa Baraba mmom mma wɔn. 12Na Pilato bua see wɔn bio sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ deɛ mofrɛ no Yudafoɔ hene no? 13Na wɔteaa mu bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! 14Na Pilato bisaa wɔn sɛ: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteaa mu dendeenden sɛ: Bɔ no asɛnnua mu. 15Na Pilato pɛɛ sɛ ɔsɔ nkurɔfoɔ no ani nti, ɔgyaee Baraba maa wɔn; na Yesu deɛ, ɔhwee no mpire no, ɔyii no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
Yesu ho agorɔdie
16Na asraafoɔ no de no kɔɔ Amrado aban no adihɔ hɔ, na wɔfrɛɛ asraafoɔkuo no nyinaa hyiae. 17Na wɔhyɛɛ no atadeɛ kɔkɔɔ bi, na wɔnwonoo nkasɛɛ abotire hyɛɛ no, 18na wɔfitii aseɛ kyeaa no sɛ: Mo, Yudafoɔ hene! 19Na wɔde demmire paee n’apampam, na wɔtotoo ntasuo guu ne so, na wɔbuu nkotodwe sɔree no.
Golgota
(Mateo 27.31-56; Luka 23.26-49; Yohane 19.16-30)
20Na wɔwiee ne ho agorɔdie no, wɔyii atadeɛ kɔkɔɔ no, de ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. 21#Rom 16.13 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no. 22Na wɔde no kɔduruu baabi a wɔfrɛ no Golgota; (ne nkyerɛaseɛ ne Tikwankoraa Bea). 23#Dwom 69.21 Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhwam afra mu, nanso wannom. 24#Dwom 22.18 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntadeɛ mu twee so ntonto, hwehwɛɛ deɛ ɛbɛyɛ obiara deɛ. 25Na ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. 26Na wɔtwerɛɛ afodisɛm no wɔ atifi sɛ: YUDAFOƆ HENE NO!
27Na wɔsɛnee akwanmukafoɔ baanu kaa ne ho, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ ne benkum; 28#Yes 53.12 [na atwerɛsɛm a ɛse: Wɔakan no afra amumuyɛfoɔ mu no baa mu.]#15.28 Tete atwerɛ a wɔgye to mu binom mfa nkyekyɛmu 28 nka ho. 29#Mar 14.58 Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no, wosoo wɔn ti kaa sɛ: Ao, wo a wodwiri asɔredan, na wosi no nnansa nie! 30Gye wo ho, na firi asɛnnua no so si fam!
31Saa ara na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no goroo ne ho wɔ wɔn ntam sɛ: Ɔgyee ebinom, na ɔntumi nnye ne ho. 32#Mat 16.1; 16.4 Afei ma Kristo, Israel hene no, mfiri asɛnnua no so nsi fam, na yɛnhunu, na yɛnnye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso yaa no.
Yesu wuo
33Na ɛbɔɔ awia dummienu no, esum duruu asase no nyinaa so kɔsii nnɔnmmiɛnsa. 34#Dwom 22.1 Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi? 35Na wɔn a wɔgyina hɔ binom teeɛ no, wɔkaa sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia! 36Na ɔbaako tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na ɔkaa sɛ: Monnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa? 37Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu no, ɔwui. 38Na ntoma a ɛtwa asɔredan mu no mu tee mmienu firi soro bɛsii fam. 39Na asraafoɔ ɔha so panin a ɔgyina n’anim ntentensoɔ no hunuu sɛ ɔteaa mu saa na ɔwuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Nyankopɔn ba! 40#Luka 8.2, 3 Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho; 41wɔn nso, ɔwɔ Galilea no, wɔdii n’akyi, na wɔsomm no, ne mmaa afoforɔ pii a wɔne no baa Yerusalem no.
Yesu amu sie
(Mateo 27.57-61; Luka 23.50-55; Yohane 19.38-42)
42Na ɛnya duruu anwummerɛ, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a ɛdi homeda anim no nti, 43Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. 44Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnim sɛ wawu ampa anaa! na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no bisaa no sɛ ɔwuiɛ akyɛ anaa?
45Na ɔte firii asraafoɔ ɔha so panin no hɔ sɛ wawu no, ɔde amu no maa Yosef. 46Na ɔtɔɔ nwera bi, na ɔyii no de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔbotan bi mu, na ɔmunii ɛboɔ hinii ɛda no ano. 47Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.

Currently Selected:

Marko 15: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in