YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 31

31
Yakob guan fi Laban fi
1 # Gye 30.35 Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkae sɛ: Yakob afa nea ɛyɛ yɛn agya de nyinaa; eno na ɔde anya saa anuonyam yi nyinaa. 2Na Yakob huu Laban anim, na hwɛ, ɛnte sɛnea ɛte kan no. 3#Gye 28.15 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yakob sɛ: San kɔ w'agyanom asase so ne w'abusua mu, na medi w'akyi. 4Na Yakob soma kɔfrɛɛ Rahel ne Lea baa wuram wɔ ne nguan no nkyɛn, 5#Gye 26.24 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mihu mo agya anim sɛ ɛnte sɛnea ɛte kan no; nanso m'agya Nyankopɔn adi m'akyi. 6Na mo ara munim sɛ m'ahoɔden nyinaa na mede asom mo agya, 7na mo agya asisi me adan m'akatua ani mpɛn du; nanso Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne bi. 8#Gye 30.32, 39 Sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ ntokontrama no nyɛ w'akatua a, na nguan no nyinaa awowo ntokontrama. Na sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ nsensannsensan no nyɛ w'akatua a, na nguan no nyinaa awowo nsensannsensan. 9Na Onyankopɔn agye mo agya mmoakuw ama me. 10Na bere a nguan no reforoforo wɔn ho na wɔayem no, memaa m'ani so na mihui wɔ ɔdae mu, na hwɛ, mpapo a na wɔreforo mmirekyi no ho yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworannworan. 11Na Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ me ɔdae mu sɛ: Yakob! Na mise: Mini. 12Na ɔkae sɛ: Ma w'ani so hwɛ, adwennini a wɔreforo nguan no nyinaa yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworannworan, na mahu nea Laban ayɛ wo nyinaa. 13#Gye 28.18-22 Mene Nyankopɔn a wuhyiaa no Betel a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ wɔ hɔ maa me no; afei sɔre fi asase yi so, na san kɔ w'abusua asase so. 14Na Rahel ne Lea bua see no sɛ: So yɛda so wɔ kyɛfa anaasɛ agyapade bi wɔ yɛn agya fi anaa? 15#Gye 29.18, 27 So ommu yɛn ahɔho anaa? Esiane sɛ watɔn yɛn, na wadi yɛn ti sika awie, 16na ahonyade a Onyankopɔn gyei yɛn agya nsam no yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti afei yɛ nea Onyankopɔn aka akyerɛ wo nyinaa.
Yakob guan fi Laban anim
17Na Yakob sɔre faa ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so, 18na ɔfaa ne mmoakuw nyinaa ne n'ahode a onyae nyinaa, ne mmoakuw a onyae wɔ Mesopotamia no, siim sɛ ɔrekɔ n'agya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
19Na Laban kɔe sɛ, ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi. Na Rahel wiaa n'agya abusua honi. 20Na Yakob wiaa ne ho guan efisɛ wankra Aramni Laban 21Na ɔne nea ɔwɔ nyinaa guanee, na ɔsɔre twaa asubɔnten no, na ɔde n'ani kyerɛɛ Gilead bepɔw.
22Na da a ɛto so abiɛsa no, wɔkɔka kyerɛɛ Laban sɛ: Yakob aguan. 23#Gye 31.47 Na ɔfaa ne nkurɔfo kaa ne ho tiw no nnansɔn kwan, na ɔbɛtoo no Gilead bepɔw so. 24#Gye 20.3; Mmb 16.7 Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo dae mu sɛ: Hwɛ yiye na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob. 25Na Laban kɔtoo Yakob. Na Yakob asi ne ntamadan wɔ bepɔw no so, na Laban ne ne nkurɔfo nso sii wɔn de Gilead bepɔw so.
26Na Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, ɛdɛn na woayɛ yi, sɛ woadaadaa me, na woasoa me mmabea kɔ sɛ, wɔn a wɔde nkrante afa wɔn nnommum yi? 27Adɛn nti na woahintaw aguan, na woawia wo ho afi me nkyɛn, na woanka ankyerɛ me, na mamfa anigye ne nnwom, mpintin ne asanku mannya wo kwan? 28Adɛn na woamma mamfew me mmammarima ne me mmabea ano? Eyi de, woadi no nkwasea so. 29Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnɛra anadwo no, mo agya me Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yiye, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob. 30Na afei de, mahu sɛ pɛ ara na wopɛ sɛ wokɔ, efisɛ gyina na w'ani agyina w'agya fi; na ɛdɛn nti na woawia m'anyame? 31Na Yakob bua see Laban sɛ: Misuroe, efisɛ misusuwii sɛ wubegye wo mmabea afi me nsam. 32#Gye 31.19 Na nea wubehu w'anyame wɔ ne nsam no rentena ase. Yɛn nkurɔfo yi anim na hwehwɛ nea ɛyɛ wo de wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ, Rahel na owiae. 33Na Laban kɔɔ Yakob ntamadan mu ne Lea ntamadan ne mfenaa baanu no ntamadan mu, nanso wanhu. Na ofi Lea ntamadan mu kɔɔ Rahel ntamadan mu.
34Na Rahel afa abusua honi no de ahyehyɛ yoma so agua mu atena so. Na Laban de ne nsa kekaa ntamadan mu hɔ nyinaa, nanso wanhu. 35Na ɔka kyerɛɛ n'agya sɛ: Mma ɛnnyɛ me wura abufuw sɛ mintumi mensɔre wɔ w'anim, efisɛ mabu me nsa. Na ɔpɛe, pɛe, pɛe, nanso wanhu ahoni no.
36Na Yakob bo fuwii, na ɔne Laban hamee, na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Me mfomso ne dɛn, na me bɔne ne dɛn sɛ wutiw me ɔhyew so sɛɛ yi? 37Sɛ worebɛhwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, wo fi mu ade bɛn na woahu wɔ mu? Saa, fa bɛto me nkurɔfo ne wo nkurɔfo anim wɔ ha, na wommu yɛn baanu ntam atɛn. 38Mfirihyia aduonu ni a metenaa wo nkyɛn, wo nguammere ne wo mmirekyi ampɔn, na wo nguan mu adwennini nso, manni bi. 39#Eks 22.12-13 Wɔn a mmoa kum wɔn no mamfa mammrɛ wo, me na mituaa so ka. Nea wowiaa no awia ne nea wowiaa no anadwo, me nsam na wubisae. 40Sɛɛ na ɛyɛɛ me ni: Ahohuru dee me awia, na awɔw dee me anadwo, na m'ani saree dwe. 41#Gye 29.20, 30; 30.31-32 Saa na midii wo fi mfirihyia aduonu. Wo mmabea baanu ho mesom wo mfe dunan, ne wo mmoakuw ho nso mfe asia, na wodan m'akatua ani mpɛn du. 42#Gye 31.54; 31.2 Sɛ m'agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn ne Isak suro annyina m'akyi a, anka afei wugyaa me kwan nsapan. M'amane ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hui, na ɔkaa w'anim nnɛra anadwo. 43Na Laban bua see Yakob sɛ: Mmabea yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nguan yi, me nguan a, na nea wuhu yi nyinaa, me dea. Na me mmabea yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, menyɛ wɔn dɛn nnɛ?
44Afei bra ma yɛmpam, me ne wo, na ɛnyɛ me ne wo ntam adanse. 45#Gye 28.22 Na Yakob faa ɔbo de yɛɛ odum sii hɔ. 46Na Yakob ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: Mommoaboa abo ano! Na wɔtasee abo yɛɛ no kuw; na wodidii wɔ kuw no so hɔ. 47Na Laban frɛɛ hɔ Yegar-sahaduta, ase ne: Adansekuw, na Yakob de, ɔfrɛɛ hɔ Galeed. 48#Yos 22.27; 24.27 Na Laban kae sɛ: Kuw yi ne me ne wo ntam adanse nnɛ. Enti wɔfrɛ hɔ Galeed, ase ne: Adansekuw, 49ne Mispa, ase ne: Ahwɛe, efisɛ ose: Yɛtetew mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam. 50Sɛ woteetee me mmabea, na woware yerenom ka me mma ho a, hwɛ obi nka yɛn ho de nanso, Onyankopɔn ne me ne wo ntam dansefo. 51Na Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ kuw yi, na hwɛ odum a mama so masi me ne wo ntam nso yi. 52Ekuw yi ne adanse, na odum yi ne adanse, sɛ me de, merentwa ekuw yi ho memma wo nkyɛn, na wo nso, worentwa ekuw yi ne odum yi ho mma me nkyɛn mmɛyɛ bɔne. 53#Gye 16.5; 31.42 Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n'agya Isak suro ho ntam. 54Na Yakob bɔɔ afɔre wɔ bepɔw no so, na ɔfrɛɛ ne nkurɔfo sɛ, wommedidi; na wodidii, na wɔtenaa bepɔw no so anadwo no.
55Na Laban sɔree anɔpatutu, na ofew ne nenanom ne ne mmabea no ano hyiraa wɔn, na osiim, san kɔɔ ne kurom.

Currently Selected:

Gyenesis 31: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in