Luka 7
7
Akoa bi ayaresa
(Mateo 8.5-13)
1Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfo no asom no, ɔkɔhyɛn Kapernaum. 2Na asraafo ha so panyin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu. 3Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yare. 4Na woduu Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no dennen sɛ: Ɔfata sɛ wobɛyɛ saa ade yi ama no; 5efisɛ ɔdɔ yɛn man, na ɔno na wasi hyiadan ama yɛn. 6Na Yesu ne wɔn kɔe. Na ɔreyɛ abɛn ofi no ho no, asraafo ha so panyin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn besee no sɛ: Owura, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase; 7enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko na m’akoa no ho nyɛ no den. 8Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ. 9Na Yesu tee eyi no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔdan ne ho kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wodi n’akyi no sɛ: Mise mo sɛ, Israel mu po minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ. 10Na wɔn a wɔsomaa wɔn no san kɔɔ fie no, wokohuu akoa a ɔyaree no sɛ ne ho ayɛ no den.
Nain kunafo no ba
11Na ɛbae sɛ n’adekyee no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafo ne nkurɔfo pii ne no kɔe. 12#1 Ah 17.17 Na ɔbɛn kurow no pon akyi no, hwɛ, wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na ba koro refi adi, na ɔbea no yɛ okunafo; na kurom hɔfo pii ka ne ho. 13Na Awurade huu ɔbea no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na osee no sɛ: Nsu! 14Na ɔbae bɛkaa funnaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkae sɛ: Aberante, mise wo sɛ: Sɔre! 15#1 Ah 17.23; 2 Ah 4.36 Na owufo no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne na. 16#Luka 1.68 Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man. 17Na ne ho asɛm yi trɛwee Yudea nyinaa ne asase a atwa ho ahyia nyinaa so.
Osuboni Yohane ahoyeraw
(Mateo 11.2-19)
18Na Yohane asuafo kɔkaa eyinom nyinaa ho asɛm kyerɛɛ no. 19Na Yohane frɛɛ n’asuafo no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo? 20Na nnipa no baa ne nkyɛn no, wɔkae sɛ: Yohane suboni somaa yɛn wo nkyɛn sɛ: Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo? 21Na ɛdɔn no ara mu ɔsaa nnipa bebree yare ne haw ne ahonhommɔne, na pii nso a wɔn ani afura no, ɔma wohuu ade. 22Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka nea moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane sɛ: Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafo; 23na nhyira ne nea merenyɛ no hintidua.
Yesu di Yohane ho adanse
24Na Yohane abɔfo no kɔe no, ofii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Demmire a mframa rehim? 25Anaasɛ ɛdɛn na mufi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetenam yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfi. 26#Luka 1.76 Anaasɛ ɛdɛn na mufi kɔhwɛe? Odiyifo anaa? Yiw, mise mo sɛ, nea ɔsen odiyifo po ni. 27#Mal 3.1 Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ:
Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim
a obesiesie wo kwan adi w’anim.
28 #
Luka 1.15
Mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn no mu biara nyɛ kɛse nsen Yohane; nanso nea ɔyɛ akumaa Onyankopɔn ahenni mu no yɛ kɛse sen no. 29#Luka 3.7; 3.12; Mat 21.32(Na nkurɔfo a wɔtee nyinaa ne towgyefo gyee Onyankopɔn nnwuma too mu ma wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu; 30#Aso 13.46 na Farisifo ne mmarakyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.) 31Na ose: Hefo ho na mede nnɛ mma yi mɛto? Na wɔte sɛ hefo? 32Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa agyaadwo, na moansu. 33Na Yohane suboni aba, onnidi na ɔnnom nsa, na muse: Ɔwɔ honhommɔne. 34#Luka 15.2 Onipa ba no aba, odidi na ɔnom, na muse: Hwɛ, onipa didifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo. 35Nanso nyansa mma nyinaa bu no bem.
Ɔbea debɔneyɛfo
36 #
Luka 11.37
Na Farisifo no mu biako hyiaa no adidi; na ɔkɔɔ Farisini no fi kɔtenaa adidii. 37#Mat 26.7-13; Yoh 12.3-8 Na hwɛ, ɔbea debɔneyɛfo bi a ɔwɔ kurow no mu tee sɛ ɔte adidii Farisini no fi no, ɔde ngo huamhuam toa ma bae, 38na obegyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ofii ase de nusu no fɔw ne nan ho, na ɔde ne tinwin popaa ho, na ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no sraa ho. 39Na Farisini a ohyiaa no adidi no hui no, ɔkae ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa aka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo. 40Na Yesu bua see no sɛ: Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ose: Kyerɛkyerɛfo, ka! 41Ose: Boseabɔni bi wɔ akafo baanu; obiako de no denare ahanum, na obiako de no aduonum. 42Na wonnya biribi ntua no, ɔde kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa. Enti kyerɛ me wɔn mu nea ɔbɛdɔ no bebrebe. 43Na Simon buae sɛ: Misusuw sɛ nea ɔde bebrebe kyɛɛ no no. Na osee no sɛ: Woabua no yiye. 44#Gye 18.4 Na ɔdan n’ani kyerɛɛ ɔbea no see Simon sɛ: Woahu ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu angu me nan so, na ɔbea yi de, ɔde ne nusu afɔw me nan ho, na ɔde ne tinwin apopa ho. 45#Rom 16.16 Woamfew m’ano; na ɔbea yi de, efii sɛ mebaa ha yi, onnyaee me nan ho few ɛ. 46Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbea yi de, ɔde ngo huamhuam asra me nan ho. 47Na eyi nti mise wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, efisɛ ɔdɔ pii. Na nea wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi. 48#Luka 5.20-21 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo. 49Na wɔn a wɔne no te adidii no fii ase kekae wɔn mu sɛ: Hena ne oyi a ɔde bɔne nso kyɛ? 50#Luka 8.48; 17.19; 18.42 Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!
Currently Selected:
Luka 7: ATWDB
Highlight
Share
Copy
![None](/_next/image?url=https%3A%2F%2Fimageproxy.youversionapistaging.com%2F58%2Fhttps%3A%2F%2Fweb-assets.youversion.com%2Fapp-icons%2Fen.png&w=128&q=75)
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: