YouVersion Logo
Search Icon

Luka 8

8
Asɛnka
1 # Luka 4.43 Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho, 2#Mar 15.40-41; 16.9 ne mmea bi a wasa wɔn ahonhommɔne ne ahoɔmmerɛw, wɔne Maria a wɔfrɛ no Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no, 3ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no.
Ogufo ho bɛ
(Mateo 13.1-23; Marko 4.1-20)
4Na nkurɔfokuw pii boaboaa wɔn ho ano ne wɔn a wofii nkurow no nyinaa mu baa ne nkyɛn no, obuu wɔn bɛ sɛ: 5Ogufo bi fii adi koguu n’aba. Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wotiatiaa so, na wim nnomaa bɛsosɔwee. 6Na ebi koguu ɔbotan so; na efifii no, ɛhyewee, efisɛ enni bosu nti. 7Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no ne no fifii, na emiaa no. 8Na ebi koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba ahorow ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteɛɛm sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!
Ogufo ho bɛ no asekyerɛ
9Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛbɛ yi ase ne dɛn? 10#Yes 6.9-10 Na ose: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no; na wɔn a aka de, wɔde ama wɔn mmebu mu, na wɔahu, na wɔanhu mu, na wɔate, nanso wɔante ase. 11#1 Pe 1.23 Na ɛbɛ no ni: Aba a wogu no ne Nyankopɔn asɛm. 12Ɔkwankyɛn de no ne wɔn a wɔte; na ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn komam, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa. 13Ɔbotan so de no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini, na wogye di ma ɛkyɛ kakra, na sɔhwɛ bere ba a, na wɔagyae. 14Na nea eguu nsɔe mu no ne wɔn a wɔte, na wɔnam asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔn aba no mmere yiye. 15#Aso 16.14; Heb 10.36 Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.
Kanea adwuma
(Marko 4.21-25)
16 # Mat 5.15 Na obi nsɔ kanea mfa ade nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahu kanea no. 17#Mat 10.26 Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adi, na ahintaw a wɔrenhu na ɛrenna adi. 18#Luka 19.26 Enti monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa. Na obiara a ɔwɔ no na wɔde bɛma no; na nea onni bi de, nea osusuw sɛ ɔwɔ mpo, wobegye ne nsam.
Yesu abusuafo
(Mateo 12.46-50; Marko 3.31-35)
19Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyereso no nti wɔantumi ammɛn no. 20Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyiri pɛ sɛ wohu wo. 21Na obua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so.
Ahum asebrɛ
(Mateo 8.18; 8.23-27; Marko 4.35-41)
22Na ɛbae sɛ da bi ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma yentwa nkɔ ɔtare no agya noho. Na wɔhare kɔe. 23Na wɔrekɔ no, ɔdae. Na mframa kɛse bi bɔɔ huu baa ɔtare no so, na nsu bu faa wɔn so, na wɔwɔ amanehunu mu. 24Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne nsu a ɛworo so no; na egyae yɛɛ dinn. 25Na osee wɔn sɛ: Mo gyidi wɔ he? Na wosuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsu na etie no yi?
Ahonhommɔne tu
(Mateo 8.28-34; Marko 5.1-20)
26Na wokoduu Gerasafo asase a ɛwɔ Galilea ntentenso so. 27Na osii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ no mu dedaadaw a ofi kurow no mu behyiaa no, ɔnhyɛ atade na ɔnte ɔdan biara mu, na mmom abodan mu na ɔte wɔ asiei. 28Na ohuu Yesu no, ɔteɛɛm dennen hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛse kae sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nhaw me! 29Efisɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ omfi onipa no mu; (na daa na ɛkyere no, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ guu no wɛn no, na ɔtetew nea wɔde akyekyere no no mu, na honhommɔne no pam no kɔɔ anwea pradada so). 30Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Ɛdɔm, efisɛ ahonhommɔne pii akɔ no mu. 31Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bun no mu. 32Na mprakokuw kɛse bi wɔ hɔ a wɔredidi wɔ bepɔw no so; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔ wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan. 33Na ahonhommɔne no fii onipa no mu kɔɔ mprako no mu, na ekuw no bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɔtare no mu, na wɔmemee. 34Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no huu nea asi no, woguanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraase. 35Na wofii adi bɛhwɛɛ nea asi; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu onipa a ahonhommɔne fii no mu no sɛ ɔte Yesu nan ase fura ntama a n’adwenem atew; na wosuroe. 36Na wɔn nso a wohui no kae sɛnea ɛyɛe na nea ɔwɔ ahonhommɔne no ho sanee no. 37Na Gerasafo asase a atwa ahyia no so nkurɔfo nyinaa srɛɛ no sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ ehu kɛse aka wɔn. Na osii ɔkorow mu san kɔe. 38Na ɔbarima no a ahonhommɔne fii no mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ: 39San kɔ wo fi, na kɔka ade kɛse a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi kyerɛ! Na ɔkɔe kɔkaa ade kɛse a Yesu ayɛ ama no no kurow no mu nyinaa.
Yairo babea
(Mateo 9.18-26; Marko 5.21-43)
40Na Yesu san bae no, nkurɔfokuw no gyee no; efisɛ wɔn nyinaa retwɛn no. 41Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panyin bae, na ɔbɛhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fi; 42na ɔwɔ ɔbabea koro a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia dumien, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekɔ no, na nkurɔfo akuwakuw no kyere no so.
Ɔbea bi ayaresa
43Na ɔbea bi a mogya tu no mfirihyia dumien na obiara antumi ansa no yare 44befii n’akyi bɛkaa n’atade ano a wɔanwene no, na amonom hɔ ara ne mogya no twae. 45Na Yesu kae sɛ: Hena na ɔkaa me? Na wɔn nyinaa resan no, Petro ne wɔn a wɔka ne ho no kae sɛ: Owura, nkurɔfo akuwakuw no akyere wo so, na wɔremia wo. 46Na Yesu se: Obi aka me, na mahu sɛ ahoɔden bi afi me mu kɔ. 47Na ɔbea no hui sɛ ada adi no, ɔde ahopopo bae bɛhwee n’anim, na ɔkaa dekode nti a ɔkɔkaa no ne sɛnea ne ho sanee amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim. 48#Luka 7.50 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!
Yairo babea wunyan
49Na ɔrekasa no, obi fi hyiadan mu panyin no fi bɛkae sɛ: Wo babea no awu, nhaw ɔkyerɛkyerɛfo no! 50Na Yesu tee no, obuaa no sɛ: Nsuro, gye di ara, na obenya nkwa. 51Na ɔbaa ofie hɔ no, wamma obiara ankɔ mu, gye Petro, Yohane, Yakob ne abofra no n’agya ne ne na. 52#Luka 7.13 Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ose: Munnsu! Na onwui ɛ, na wada. 53Na wɔserew no, efisɛ na wonim sɛ wawu. 54Na osoo ne nsa frɛe sɛ: Abofra, nyan! 55Na ne honhom san bae bio, na ɔsɔree ntɛmntɛm; na ɔhyɛe sɛ wɔmma no biribi nni. 56#Luka 5.14; Mar 7.36 Na ɛyɛɛ n’awofo ahodwiriw; na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea aba yi nnkyerɛ obiara.

Currently Selected:

Luka 8: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in