YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 1

1
Yesu Kristo awoɔ ntoatoasoɔ
(Luka 3:23-38)
1 # 1 Be 17:11; Gye 22:18 Yesu Kristo Dawid ba he, Abraham ba he awoɔ ntoatoasoɔ.
2 # Gye 21:3; 21:12; 25:26; 29:35; 49:10 Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom; 3#Gye 38:29-30; Rut 4:18-22 Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, na Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram, 4Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon, 5#Rut 4:13-17 na Salmon ne Rahab woo Boas, na Boas ne Rut woo Obed, na Obed woo Yisai, 6#2 Sa 12:24 na Yisai woo Hene Dawid.
Na Dawid nso ne nea kane he na ɔyɛ Uria yerɛ he woo Salomo, 7#1 Be 3:10-16 na Salomo woo Rehoboam, na Rehoboam woo Abia, na Abia woo Asa, 8na Asa woo Yehosafat, na Yehosafat woo Yoram, na Yoram woo Usia, 9na Usia woo Yotam, na Yotam woo Ahas, na Ahas woo Hesekia, 10na Hesekia woo Manase, na Manase woo Amon,#1:10 Amon: Tete atwerɛ he bi ka sɛ Amos na Amon woo Yosia, 11na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, mmerɛ a Babilonfoɔ faa Yudafoɔ nommum kɔɔ Babel he.
12 # 1 Be 3:17; Esra 3:2 Na mmerɛ a Babilonfoɔ faa bɛ nommum kɔɔ Babel akyi he, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel, 13na Serubabel woo Abihud, na Abihud woo Eliakim, na Eliakim woo Asor, 14na Asor woo Sadok, na Sadok woo Akim, na Akim woo Elihud, 15na Elihud woo Eleasa, na Eleasa woo Matan, na Matan woo Yakob, 16#Mat 27:17; 27:22 na Yakob woo Yosef, Maria kunu he. Saa Maria yi ne woo Yesu a bɛfrɛ no Kristo he.
17Nti ofiri Abraham so kosi Dawid so yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunnan; na ofiri Dawid so kosi mmerɛ a bɛfaa Yudafoɔ nommum kɔɔ Babel he so yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunnan; na ofiri berɛ a betu kɔtenaa Babel he kosi Kristo so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunnan.
Yesu Kristo Awoɔ
(Luka 2:1-7)
18 # Luk 1:35 Afei kwane a bɛfaa so woo Yesu Kristo di: Berɛ a bɛde ne maame Maria maa Yosef sɛ asiwa, na bennya ntenaa sɛ awarefoɔ he, behuu sɛ Maria afa afuro a ofiri Honhom Kronkron. 19Ɔnam sɛ na Yosef a ɔyɛ n'asiwa yerɛ he yɛ nipa tenenee na ɔmpɛ sɛ obegu Maria anim ase badwam nti, ɔbɔɔ ne tim pɔ sɛ obegyae no kokoam. 20#Mat 1:18 Nso berɛ a ɔyɔɔ sɛ obetu saa anammɔn he pɛ ne Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛso mu, kaa sɛ, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria a ɔyɛ w'asiwa-yerɛ he akɔ wo fie, efiri sɛ, abɔfra a ɔnyem no he firi Honhom Kronkron. 21#Luk 1:31; 2:21; Aso 4:12 Ɔbɛwo ba beema, na to ne dini Yesu, efiri sɛ ɔno ne bɛgye ne nkurofoɔ afiri bɛ bɔne mu.” 22#Yes 7:14 Yei nyinaa siiɛ sɛdeɛ asɛm a Awurade nam diyifoɔ he so kaeɛ he bɛbam sɛ,
23 # Yes 7:14 “Hwɛ, babunu he bɛfa afuro na wawo ba beema,
na bɛato ne dini sɛ Immanuel,”
asekyerɛ ne sɛ, (Nyankopɔn ne yɛ ya hɔ). 24Berɛ a Yosef nyane firii ne nna mu he, ɔyɔɔ sɛdeɛ Awurade bɔfoɔ he hyɛɛ no sɛ ɔnyɔ he; na ɔfaa Maria baa ne nkyɛne sɛ ne yerɛ, 25nso wamfa ne ho anka no kosii sɛ ɔwoo ba beema; na ɔtoo ne dini Yesu.

Currently Selected:

Mateo 1: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in