Luka 14
14
Yesu sa bi a ɔyare sasaborɔ yadeɛ Homeda
1 #
Luk 6:6-11; 11:37 Afei homeda bi, Yesu kɔɔ Farisifoɔ mpanyimfoɔ he mu baako fie sɛ ookodidi he, na nkurofoɔ he ɔɔtetɛ no. 2Saa berɛ heaa na bi ya n’anim a wahonhono. 3Nti Yesu bisaa Mmaranimfoɔ ne Farisifoɔ he sɛ, “Mmara ma kwane sɛ bɛsa yadeɛ homeda anaa ɔmma kwane?” 4Nso bɛyɛɛ komm. Nti Yesu sɔɔ ne mu saa no yadeɛ na ɔmaa no kɔeɛ. 5#Luk 13:15; Mat 12:11 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho mu hwane ne sɛ ne ba anaa ne nantwie tɔ abura mu homeda a, onnyi no mfiri mu ntɛmaa homeda he?” 6Bɛantumi anyi saa asɛm yi ano.
Ahobrɛaseɛ
7 #
Mat 23:6
Afei ɔtoaa so maa mfantoho bi kyerɛɛ nnipa a bɛato nsa afrɛ bɛ he, berɛ a ohuu sɛnea na bɛɛhwehwɛ mu ayi mpanyini tenabea he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, 8“Sɛ bi to nsa frɛ wo ayefohyia ase a, ntena mpanyini tenabea, ebia na waato nsa afrɛ bi a odi mu kyɛne wo, 9na nea ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no he bɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma nipa yi ntena ha.’ Afei wode aniwuo befiri hɔ akɔtena baabi a onni mu sɛ kane tenabea he. 10Na mmom sɛ bɛto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena baabi a ɔya fam koraa, na sɛ nea wato nsa afrɛ wo he ba a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Damfo, foro kɔ soro.’ Ɔno bɛma woanya anidie wo mfɛfoɔ a bɛahyia he nyinaa anim. 11#Luk 18:14; Mat 23:12Na biaa a ɔma ne ho so he bɛbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase he bɛbɛma no so.”
Ahiafoɔ adidifrɛ
12Na ɔka kyerɛɛ beema a ɔtoo nsa frɛɛ no he nso sɛ, “Sɛ woto pono, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa wo mfɛfoɔ adefoɔ nkoaa, ɔnam sɛ wodwene sɛ bɛ nso da bi bɛbɛto nsa afrɛ wo bɛ apontoɔ asɛ de atua wo ka nti. 13#Deut 14:29 Na mmom, sɛ wo to pono a, to nsa frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye, ne anifirafoɔ nso, 14#Yoh 5:29 na wobenya nhyira, efiri sɛ bɛ deɛ benni bibiaa a bɛde betua wo so ka. Na wobenya akatua ateneneefoɔ wusɔreɛ he mu.”
Apontoɔ kɛseɛ he
(Mateo 22:2-10)
15 #
Luk 13:29
Berɛ a bɛ a bɛ ne no tete adidiiɛ hɔ he mu baako tee nsɛm yi he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nhyira ne nea obedidi Nyankopɔn ahennie mu!” 16Na afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nipa bi too pono kɛseɛ anwummerɛ bi, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa bebree. 17Na dɔno a bɛde bedi aduane he duruiɛ he, ɔsomaa n’akoa kɔɔ bɛ a ɔtoo nsa frɛɛ bɛ he hɔ sɛ, ‘Hommra na afei bɛasiesie bibiaa awie.’ 18Nso bɛ nyinaa befiri aseɛ yiyii bɛ ho ano. Nea odi kane he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Maatɔ asaase na ehia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’ 19Na foforɔ nso kaa sɛ, ‘Maatɔ anantwie mpamho nnum na meehwɛ sɛnea bɛteɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’ 20#1 Ko 7:33Na foforɔ nso kaa sɛ, “Mewareɛ nkyereeɛ, nti mentumi mma. 21Nti akoa he bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ ne wura he. Na fiewura he bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ n’akoa he sɛ, ‘Yɔ ntɛm kɔ kuro he akwane ne mmorɔnoo so kɔfa ahiafoɔ ne mmubuafoɔ ne anifirafoɔ ne mpakye bra.’ 22Akoa he yɔɔ saa wieeeɛ he, ɔkaa sɛ, ‘Me wura, maayɔ nea wo hyɛɛ me he, nso kwane da so ya hɔ.’ 23Na ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kɔ akwane ne mmɔntene so na hyɛ amanfoɔ ma bɛ mmra mu, sɛ ɔbɛyɛ na fie ha bɛyɛ ma. 24Na meeka akyerɛ ho sɛ, nnipa a (bedii kane) too nsa frɛɛ bɛ he mu biaa nni hɔ a m’aduane he bi bɛka n’ano.’ ”
Kristo frɛ a ɔfrɛ nnipa
(Mateo 10:37-38)
25Afei na nnipadɔm pii bi ne no nam, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ bɛ sɛ, 26#Deut 33:9-10; Luk 18:29-30 “Sɛ bi ba me nkyɛne na w’annɔ me asene ne papa ne ne maame ne ne yerɛ ne ne mma ne ne nuammeemanom ne ne nuammaanom ne n’ankasa mpo kra a, ontumi nyɛ me suani. 27#Luk 9:23 Biaa a ɔnsoa n’asennua na onni m’akyi he ntumi nyɛ me suani.
Nkontabuo
28Na ho mu hwane ne ɔpɛ sɛ osi abrosane a onni kane nsese ne boɔ nhwɛ sɛ sika a ɔwɔ he betumi asi ansa na wahyɛ aseɛ? 29Sɛ wanni kane anyɔ saa a, ɔbɛto fapem he nso ontumi nwie, na bɛ a bɛhwɛ nyinaa befiri aseɛ atweetwe no 30aka sɛ, ‘Nipa yi firii aseɛ siiɛ nso wantumi anwie.’ 31Anaa hene hwane ne ɔne hene foforɔ ɔɔkɔko a, onni kane ntena ase ntu agyina na ɔnhwɛ sɛ obetumi de asraafoɔ mpem du akohyia nea ɔde mpem aduonu ɔɔba no so he? 32Sɛ ontumi nyɔ saa a, hedeɛ berɛ a baako he ya akyiri nohoa he, ɔbɛsoma binom ma bɛkɔsrɛ sɛ benni no asomdwie mu. 33Nti, honhu sɛ, ho mu biaa a onnya n’ahodeɛ nyinaa hɔ he ntumi nyɛ me suani.
Nkyene ho asɛm
34 #
Mat 5:13; Mar 9:50 “Ɔyɛ nɔkorɛ sɛ nkyene yɛ. Nso sɛ nkyene dɛ firi mu a, mmɛ ne bɛde bɛhyɛ nkyene bio? 35Ɔnnyɛ mma asaase anaa sumina. Bɛto gu. Ma nea ɔwɔ aso he ntie.”
Jelenleg kiválasztva:
Luka 14: BBTP
Kiemelés
Megosztás
Másolás
![None](/_next/image?url=https%3A%2F%2Fimageproxy.youversionapistaging.com%2F58%2Fhttps%3A%2F%2Fweb-assets.youversion.com%2Fapp-icons%2Fhu.png&w=128&q=75)
Szeretnéd, hogy a kiemeléseid minden eszközödön megjelenjenek? Regisztrálj vagy jelentkezz be
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021