Luka 13

13
Asotwe ho asɛnka
1Saa berɛ heaa, nnipa bi a bɛya hɔ kaa sɛnea Pilato de Galileafoɔ bi mogyaa fraa bɛ afɔrebɔ mu he ho asɛm kyerɛɛ no. 2#Yoh 9:2 Nti obisaa bɛ sɛ, “Nti hosusu sɛ na saa Galileafoɔ yi yɛ abɔnefoɔ kyɛne Galileafoɔ a aka nyinaa esiane saa amaneɛ a behuiɛ yi nti anaa? 3#Dwom 7:12 Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ ɔnte saa koraa; nso sɛ hoansakra a, saa ne bebekuku ho nyinaa nso. 4Anaa nnipa dunwɔtwe a Siloa abrosane he bu guu bɛ so kuku bɛ he, nti hosusu sɛ na bɛyɛ abɔnefoɔ kyɛne nnipa a bɛtete Yerusalem nyinaa anaa? 5Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ ɔnte saa; nso sɛ hoansakra a, bebekuku ho nyinaa saa nso.”
Borɔdoma a ɔnso aba
6 # Mat 21:19 Afei ɔtoaa so maa mfantoho yi sɛ, “Na beema bi wɔ borɔdoma si ne bobe turom, na ɔbaa sɛ ɔɔbɛhwɛ sɛ aduaba ya so a, nso wannya bi. 7Nti ɔka kyerɛɛ bobeturo hwɛfoɔ he sɛ, hwɛ, ‘Oo! Mfie mmeɛnsa di ne maba abɛhwehwɛ aduaba borɔdoma yi so, nso mannya bi. Twa twene! Ɛɛne koraa nti ne ɔsɛ sɛ ɔgye asaase he kɛntɛne so?’ 8#2 Pe 3:9; 3:15 Obuaa no sɛ, ‘Owura, gyae no afe yi nso, na memfuntum aseɛ na memfa sumina ngu aseɛ. 9Na sɛ ɔsõ aba afe sesɛɛ a ɔyɛ asɛmpa, na mmom sɛ anso a, hedeɛ wobetumi atwa atwene.’ ”
Yesu saa baa bi yadeɛ Homeda bi
10Afei na Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ hyia adane he baako mu homeda bi. 11Saa berɛ he, na baa bi a honhom bi ama no ayare mfie dunwɔtwe ama ne mu akuntunu a na ontumi mmae ne mu. 12Berɛ a Yesu huu no he, ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Baa, bɛayi wo afiri wo w’ahoɔmmerɛ mu.” 13#Mar 7:32 Na ɔde ne nsa guu ne so; na amonom hɔaa ne mu teneeɛ, na ofirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam. 14Hyiadane he mu panyini ani bereeɛ sɛ Yesu asa yadeɛ homeda he. Nti ɔka kyerɛɛ nnipakuo he sɛ, “Nnansia ne ɔsɛ sɛ bɛde yɔ adwuma, ɔno mu ne ɔsɛ sɛ ho ba na bɛsa ho yadeɛ, na ɔnyɛ homeda ne ɔsɛ sɛ ho ba.” 15#Luk 14:5 Nso, Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ, nti ho mu biaa nsane ne nantwie anaa n’afunumu mfiri buom homeda nkɔma no nsuo nnom? 16#Luk 19:9 Ɔmfata sɛ baa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfie dunwɔtwe he, bɛsane no firi mpokyerɛ yi mu homeda anaa?” 17Na ɔkaa yeinom he, n’atamfoɔ he nyinaa ani wuiɛ; nso nnipakuo he nyinaa firii aseɛ dii ahurusie anwanwadeɛ a ɔyɔeɛ he nyinaa ho.
Sinapi aba ne mmɔreka ho mfantoho
(Mateo 13:31-33; Marko 4:30-32)
18Afei Yesu toaa so sɛ, “Sɛ ne Nyankopɔn ahennie teɛ? Na ɛɛne ho ne mede bɛto? 19Na ɔmaa mfantoho yi sɛ: Nyankopɔn ahennie he te sɛ sinapi aba a bi duaa no ne turom, na onyini bɛyɛɛ dua, na soro nnomaa tenatenaa ne mmane so.” 20Na ɔkaa bio sɛ, “Mmɛ ho ne mede Nyankopɔn ahennie bɛto? 21Ɔte sɛ mmɔreka a baa bi de fraa siam susukuruwaa akɛseɛ mmeɛnsa mu kosii sɛ ne nyinaa tuiɛ.”
Pono teateaa he
(Mateo 7:13, 14, 21-23)
22Na Yesu tutuu akwane kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ na ɔtoaa n’akwantuo he so kɔɔ Yerusalem. 23Afei bi bisaa no sɛ, “Awurade, bɛ a wobegye bɛ nkwa he yɛ kakraa bi anaa?” Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, 24#Mat 7:13-14; Flp 3:12 “Honyere ho ho dendenndene nwura pono teateaa he mu, na meeka akyerɛ ho sɛ nnipa beberee bɛhwehwɛ sɛ bewura mu nso bentumi. 25#Mat 25:11-12 Na sɛ fiewura he nya sɔre to pono he mu a, afei hobegyina abɔntene abɔ pono he mu aka sɛ, ‘Owura, bie yɛ.’ Nso obebua ho sɛ, ‘Mennim baabi a hofiri.’ 26#Mat 7:22-23 Na hobefiri aseɛ aka sɛ, ‘Yɛ ne wo didi nomeeɛ, na womaa nkyerɛkyerɛ yɛ mmɔntene so.’ 27Nso obebie n’ano aka akyerɛ ho sɛ, ‘Mennim baabi a hofiri. Homfiri me so nkɔ, ho a hoyɔ nea ɔntene nyinaa!’ 28Saa berɛ he hobesu na hoatwɛre ho sẽ, berɛ a hobehu Abraham ne Isak ne Yakob ne adiyifoɔ he nyinaa sɛ bɛya Nyankopɔn ahennie mu, na ho deɛ, bɛapam ho kɔ abɔntene he. 29#Luk 14:15 Bio nso, nkurofoɔ befiri apieɛ fam ne atɔeɛ fam, atifi fam ne anafoɔ fam aba, na bɛbɛtenatena adidiiɛ Nyankopɔn ahennie mu. 30#Mat 19:30 Nɔkwasɛm ne sɛ, binom aka akyi nso bebedi kane, saa nso ne binom adi kane nso bɛbɛka akyi.”
Herode Antipa
31Dɔno heaa mu he Farisifoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, efiri sɛ Herode pɛ sɛ oku wo.” 32Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔka nkyerɛ saa dadaafoɔ#13:32 Dadaafoɔ: Dadaafoɔ gyina hɔ ma Hela kasafua a ɔkyerɛ sakramane. he sɛ, ‘Hwɛ, meetu ahonhommɔne na masa yadeɛ nnɛ ne kyena, na n’adekyeɛ he mawie.
Yesu twa Yerusalem ho adwo
(Mateo 23:37-39)
33Nso, otwa sɛ menante nnɛ ne kyena ne adekyeeɛ, efiri sɛ ɔnsɛ sɛ beku diyifoɔ bi baabi foforɔ biaa gye Yerusalem.’ 34Yerusalem! Yerusalem! Wo a woku adiyifoɔ na wosi bɛ a bɛasoma bɛ wo nkyɛne aboɔ; hwɛ mprɛ dodoɔ a mepɛɛ sɛ meboaboa wo manfoɔ ano sɛnea akokɔbaatane boaboa ne mma ano hyɛ ne ntabane ase, nso woampene so! 35#Dwom 118:26 Hwɛ! Bɛagyaa ho fie fituo ama ho. Meeka akyerɛ ho sɛ, honhu me bio kosi sɛ hobɛka sɛ, ‘Nhyira ne nea ɔba Awurade dini mu!’ ”

Pilihan Saat Ini:

Luka 13: BBTP

Sorotan

Berbagi

Salin

None

Ingin menyimpan sorotan di semua perangkat Anda? Daftar atau masuk