1
Yohane 13:34-35
Asante Twi Nkwa Asɛm
“Ahyɛdeɛ foforɔ na mede regya mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a, obiara bɛhunu sɛ moyɛ mʼasuafoɔ.’ ”
Uporedi
Istraži Yohane 13:34-35
2
Yohane 13:14-15
Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no mpo ahohoro mo nan ase a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho nan ase. Mayɛ yei de ayɛ nhwɛsoɔ ama mo sɛdeɛ mo nso mobɛyɛ saa ara.
Istraži Yohane 13:14-15
3
Yohane 13:7
Yesu buaa no sɛ, “Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, nanso akyire no wobɛte aseɛ.”
Istraži Yohane 13:7
4
Yohane 13:16
Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, akoa nsene ne wura; saa ara nso na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no no.
Istraži Yohane 13:16
5
Yohane 13:17
Afei a moate deɛ meyɛeɛ no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a, mobɛnya nhyira.
Istraži Yohane 13:17
6
Yohane 13:4-5
Yesu sɔre firii didipono no ho, yii nʼatadeɛ ngugusoɔ guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasene. Ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn bi mu na ɔhyɛɛ aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ase de mpepaho no pepaeɛ.
Istraži Yohane 13:4-5
Početna
Biblija
Planovi
Video zapisi