1
Yohane 19:30
KYERƐW KRONKRON
Ɛnna Yesu gyee nsa nyinyanyinya no no, ɔkae sɛ: Wɔawie! Na ɔbɔɔ ne ti ase de ne honhom mae.
Linganisha
Chunguza Yohane 19:30
2
Yohane 19:28
Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me.
Chunguza Yohane 19:28
3
Yohane 19:26-27
Na Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔne no gyina hɔ no, osee ne na sɛ: Ɔbea, hwɛ, wo ba ni! Afei osee osuani no sɛ: Hwɛ, wo na ni! Na efi dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ n’ankasa fi.
Chunguza Yohane 19:26-27
4
Yohane 19:33-34
Na woduu Yesu so na wohui sɛ wawu dedaw no, wɔammubu ne nnyawa. Na asraafo no mu biako de peaw wɔɔ ne mfem, na ntɛm ara na mogya ne nsu fii mu bae.
Chunguza Yohane 19:33-34
5
Yohane 19:36-37
Na wɔyɛɛ eyinom na kyerɛwsɛm a ese: Wommmu ne dompe bi, no aba mu. Na kyerɛwsɛm foforo bio se: Wobɛhwɛ nea wɔwɔɔ no no.
Chunguza Yohane 19:36-37
6
Yohane 19:17
Na ɔso n’asɛnnua fii adi koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa beae a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.
Chunguza Yohane 19:17
7
Yohane 19:2
Na asraafo no nwenee nsɔe abotiri na wɔde bɔɔ ne ti, na wɔde ntama kɔkɔɔ bi guguu no so
Chunguza Yohane 19:2
Nyumbani
Bibilia
Mipango
Video