1
Luka 1:37
Twerɛ Kronkron
ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.
Compare
Explore Luka 1:37
2
Luka 1:38
Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛdeɛ w’asɛm seɛ. Na ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔe.
Explore Luka 1:38
3
Luka 1:35
Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.
Explore Luka 1:35
4
Luka 1:45
Na nhyira ne deɛ wagye adie, ɛfiri sɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu.
Explore Luka 1:45
5
Luka 1:31-33
Na hwɛ, wobɛnyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔafrɛ no deɛ Ɔwɔ Sorosoro no Ba; na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no. Na ɔbɛdi Yakob fie so hene daapem, na n’ahennie no to rentwa da.
Explore Luka 1:31-33
6
Luka 1:30
Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Nyankopɔn hɔ adom.
Explore Luka 1:30
Home
Bible
Plans
Videos