YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 10

10
Petro ne Kornelio
1 # Mat 8.5 Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin. 2Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa. 3Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio! 4Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim. 5Na afei soma nnipa kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro. 6#Aso 9.43 Ɔte Simon, nwomahyɛni bi a ne fie wɔ mpoano no nkyɛn. 7Na ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔeɛ no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ɔfiri wɔn a wɔsom no daa no mu, 8na ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn no, ɔsomaa wɔn kɔɔ Yopa.
9Na adeɛ kyeeɛ na wɔnam kwan so rebɛn kuro no no, Petro kɔɔ aban atifi kɔbɔɔ mpaeɛ, ɛbɛyɛ awia dummienu. 10Na ɛkɔm de no sɛ, na ɔpɛɛ sɛ ɔde biribi ka n’ano; na wɔresiesie aduane no, n’ani wiaa no maa ɔkɔɔ tebea foforɔ mu. 11#Aso 11.5-17 Na ɔhunuu soro sɛ abue, na adeɛ bi a ɛte sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan resiane aba ne soɔ, na wɔregyaa mu ato fam. 12Emu na asase so ntɔteboa ne wɔn a wɔwea ne wiem ntakraboa nyinaa bi wɔ. 13Na ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Petro, sɔre kum di! 14#Hes 4.14; Lew 11 Na Petro se: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a wɔkyire anaasɛ ɛho nteɛ da. 15#Mat 15.11 Na ɛnne no sane baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ! 16Na yei yɛɛ mprɛnsa, na wɔfaa adeɛ no kɔɔ soro bio.
17Na Petro regye ne mu akyinnyeɛ sɛ anisoadeɛ a ɔhunuiɛ no ase ne sɛn no, hwɛ, na nnipa a Kornelio somaa wɔn no abisa Simon fie kwan, gyinagyina aboboano 18refrɛ, na wɔbisaa sɛ: Simon a wɔfrɛ no Petro no te ha anaa? 19Na Petro redwene anisoadeɛ no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa bi rehwehwɛ wo; 20na sɔre si fam, na wo ne wɔn nkɔ; nnye akyinnyeɛ, na me na mesomaa wɔn.
21Na Petro siane kɔɔ nnipa a Kornelio somaa wɔn baa ne nkyɛn no nkyɛn kaa sɛ: Hwɛ, mene deɛ morehwehwɛ no no; ɛdeɛn nti na mobaeɛ? 22Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm. 23Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa fie yɛɛ wɔn hɔhoɔ. Na adeɛ kyeeɛ no, Petro ne wɔn firi kɔe, na anuanom a wɔwɔ Yopa no mu bi ne no kɔe.
24Na adeɛ kyeeɛ no, wɔduruu Kaesarea; na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfo a wɔbɛn no ahyia retwɛn. 25Petro fitiiɛ ara pɛ na Kornelio kɔhyiaa no hwee ne nan ase sɔree no. 26#Aso 14.15; Adi 19.10 Na Petro maa no so kaa sɛ: Sɔre, na me nso meyɛ onipa. 27Na ɔne no redi nkɔmmɔ no, ɔhyɛnee mu, na ɔkɔhunuu nnipa bebree a wɔahyia hɔ. 28Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim sɛdeɛ Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho, anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me deɛ, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa biara sɛ ɔmfra, anaasɛ ne ho nte. 29Enti nso na mosoma maa wɔbɛhyiaa me no, manyi ano na maba yi. Afei merebisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me. 30Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim, 31na ɔse: Kornelio, wɔate wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborɔhunu adeɛ no Nyankopɔn anim. 32Enti soma kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro; ɔte nwomahyɛni Simon fie wɔ mpoano. 33Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa.
Petro asɛnka
34 # 1 Sa 16.7; Rom 2.11 Na Petro buee n’ano kaa sɛ: Nokorɛ mu na mahunu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, 35#Yoh 10.16 na mmom ɔman biara mu deɛ ɔsuro no, na ɔyɛ ade tenenee no, ɔpɛ sɛ ɔgye no. 36#Mat 28.18 Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura. 37#Mat 4.12-17 Mo ara monim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, ɛfirii aseɛ Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no, 38#Yes 61.1; Mat 3.16 Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho. 39Na yɛne nnoɔma a ɔyɛɛ no Yudafoɔ soɔ ne Yerusalem nyinaa ho adansefoɔ; ɔno nso na wɔsɛnee no dua so kumm no. 40#1 Ko 15.4-7 Ɔno na Onyankopɔn nyanee no da a ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔmaa no yii ne ho pefee kyerɛe, 41#Yoh 15.27 ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dada no, ɛne yɛn a ne sɔreɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no akyiri no, yɛne no didiiɛ na yɛnomeeɛ; 42#Aso 17.31; Rom 14.10 na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yɛnni adanseɛ sɛ ɔno ne ateasefoɔ ne awufoɔ temmufoɔ a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no. 43#Yes 53.5-6; Yer 31.34; Hes 34.16; Dan 9.24 Ɔno na adiyifoɔ nyinaa di ne ho adanseɛ sɛ: Obiara a ɔgye no die no nam ne din so bɛnya bɔne fakyɛ.
44Na Petro gu so reka nsɛm yi no, Honhom Kronkron bɛguu wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa so. 45Na agyidifoɔ a wɔfiri twetiatwafoɔ mu a wɔne Petro baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛdeɛ no agu amanaman mufoɔ nso soɔ; 46#Aso 2.4; Mar 16.17 ɛfiri sɛ wɔtee sɛ wɔde tɛkyerɛma foforɔ rekasa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ kɛse. Ɛnna Petro buaa sɛ: 47Obi bɛtumi asi nsuo ho kwan sɛ wɔmmmɔ yeinom a wɔanya Honhom Kronkron sɛ yɛn ara yi asu anaa? 48#Yoh 4.40 Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Awurade din mu. Ɛnna wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nnansa bi.

Currently Selected:

Asomafoɔ 10: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Asomafoɔ 10