Asomafoɔ 9
9
Saulo adwensakyera
(Asomafoɔ 22.3-16; 26.9-18)
1 #
Aso 8.3
Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafoɔ soɔ no kɔɔ ɔsɔfo panin nkyɛn 2kɔsrɛɛ ne nkyɛn nwoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ɔhunu nnipa bi saa gyidie kwan no mu a, mmarima oo, mmaa oo, ɔde wɔn homa mu aba Yerusalem. 3#1 Ko 15.8 Na ɔnam nam no, ɛbaa sɛ ɔbɛnee Damasko, na mpofirim, hann a ɛfiri soro bɛhyerɛn twaa ne ho hyiae. 4Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me? 5#Aso 5.39 Ɛnna ɔse: Ɛyɛ wo hwan a, Awurade? Na ɔse: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no. 6Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ. 7Na mmarima a wɔne no nam no atotɔre mum gyinagyina hɔ, wɔtee nne no deɛ, nanso wɔanhunu obiara. 8Na Saulo sɔre firii fam, na ɔbuee n’ani no, wanhunu hwee. Na wɔkurakuraa ne nsa de no kɔɔ Damasko. 9Na nnansa na ɔnhunu adeɛ, nso ɔnnidi na ɔnnom.
10Na osuani bi wɔ Damasko a ne din de Anania. Na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehunu mu sɛ: Anania! Na ɔse: Hwɛ, meni, Awurade! 11#Aso 21.39 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔno a wɔfrɛ no Turodoo no so, na kɔbisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no akyiri kwan wɔ Yuda fie; na hwɛ, ɔrebɔ mpaeɛ, 12na wahunu ɔbarima bi a ɔde Anania anisoadehunu mu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔde ne nsa ato ne so sɛ ɔnhunu adeɛ. 13Na Anania buaa sɛ: Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm afiri nnipa bebree anomu sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefoɔ wɔ Yerusalem, 14#1 Ko 1.2 na ɛha yi nso wanya tumi afiri asɔfoɔ mpanimfoɔ no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa. 15#Rom 1.5; Aso 25.13; 27.24 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim. 16#Aso 9.23; 9.29; 2 Ko 11.23-28 Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.
17Na Anania kɔ kɔhyɛnee ɔdan no mu, na ɔde ne nsa kɔguu ne so kaa sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo kwan a wonam so reba ha no, wasoma me sɛ hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma. 18Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon firii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ɔhunuu adeɛ, na ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. 19Na ɔdidiiɛ no, ne ho yɛɛ no den. Na ɔdii asuafoɔ a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra.
Saulo ka asɛm wɔ Damasko
20Na ntɛm ara ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no. 21#Aso 9.1; 9.14; 8.1; 26.10 Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔse: Ɛnyɛ oyi ne deɛ na ɔsɛe wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na yei nti ɔbaa ha sɛ ɔrebɛfa wɔn homa mu akɔma asɔfoɔ mpanimfoɔ no anaa? 22#Aso 18.28 Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafoɔ a wɔte Damasko no ho yeraa wɔn, na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo no.
23Na nna bebree akyiri no, Yudafoɔ no pamm ne tiri so sɛ wɔbɛkum no. 24Nanso Saulo tee wɔn agyina no. Na wɔwɛnee kuro no apono ano awia ne anadwo sɛ wɔbɛku no. 25#2 Ko 11.32-33 Na n’asuafoɔ no faa no anadwo, de no too kɛntɛnku mu, faa ɔfasuo so, twetwee no sii fam.
Saulo kɔ Yerusalem, Kaesarea ne Tarso
26 #
Gal 1.17-19
Na ɔduruu Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafoɔ no ho; nanso na wɔn nyinaa suro no, ɛfiri sɛ wɔannye anni sɛ ɔyɛ osuani. 27#Aso 9.20 Na Barnaba faa no ne no kɔɔ asomafoɔ no nkyɛn, na ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔhunuu Awurade ɔkwan mu ne sɛ ɔkasa kyerɛɛ no, ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduro kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko. 28Na ɔne wɔn dii ahyemfire wɔ Yerusalem, na ɔde nnam kaa Awurade din ho asɛm. 29Na ɔkasa kyerɛɛ Helenifoɔ no, na ɔne wɔn gyee akyinnyeɛ; na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔku no. 30#Aso 11.25; Gal 1.21 Na anuanom no teɛɛ no, wɔde no siane kɔɔ Kaesarea, na wɔgyaa no kwan maa no kɔɔ Tarso.
31Ɛnna asafo no nyaa asomdwoeɛ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wɔnyini kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekyerɛ mu dɔree.
Petro sa Aenea yadeɛ
32Na ɛbaa sɛ Petro kyinkyinii wɔn nyinaa soɔ no, ɔbaa ahotefoɔ a wɔte Lida no nso nkyɛn. 33Na ɔbɛhunuu onipa bi a ne din de Aenea a wadi mfirinhyia nwɔtwe ne kɛtɛ so, a ɔyare mmubuo wɔ hɔ. 34Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara. 35Na wɔn a wɔte Lida ne Saron nyinaa hunuu no, na wɔdane baa Awurade nkyɛn.
Tabita wunyane
36Nso na osuani baa bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka.#9.36 Edin Tabita wɔ Aramaik kasa ne edin Dorka wɔ Hela kasa mu asekyerɛ ne: Ɔwansane. Ɔbaa yi na nnwuma pa ne mmɔborɔhunu adeɛ a ɔyɛeɛ no ayɛ no ma. 37Na ɛbaa sɛ nna no mu no, ɔyaree, na ɔwuiɛ; na wɔdwaree no de no kɔtoo abansoro dan mu. 38Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn. 39Na Petro sɔre ne wɔn kɔeɛ. Na ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntadeɛ ne ntoma a na Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛeɛ no kyerɛe. 40#Mar 5.41 Na Petro pamoo wɔn nyinaa firii adie no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ amu no, na ɔse: Tabita, sɔre! Na ɔtee n’ani, na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41#Aso 9.32 Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn. 42Na wɔtee no wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii. 43#Aso 10.6 Na ɔtenaa Yopa kyɛree kakra wɔ Simon nwomahyɛni bi nkyɛn.
Currently Selected:
Asomafoɔ 9: ASWDC
Highlight
Share
Copy
![None](/_next/image?url=https%3A%2F%2Fimageproxy.youversionapistaging.com%2F58%2Fhttps%3A%2F%2Fweb-assets.youversion.com%2Fapp-icons%2Fen.png&w=128&q=75)
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.