Luka 16
16
Fiepanyini nitefoɔ he ho bɛ
1Afei Yesu toaa so ka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Na defoɔ bi ya hɔ a ɔwɔ fiehwɛfoɔ bi, na bɛkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no sɛ ɔɔyɔ n’agyapadeɛ basabasa. 2Nti defoɔ he frɛɛ n’akoa he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘mmɛ ne mete fa wo ho yi? Bebu wo fiehwɛ adwuma he ho akonta kyerɛ me, efiri sɛ wontumi nhwɛ fie he so bio.’ 3Afei fiehwɛfoɔ he kaa no ne tim sɛ, ‘Mmɛ ne menyɔ, berɛ a me wura ɔɔbɛgye me fiehwɛ adwuma afiri me nsam yi? Me ho nyɛ dene pii sɛ metutu fam, mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ. 4Ehẽẽ! Menim nea mɛyɔ a sɛ oyi me adi firi fiehwɛ adwuma he mu a, nkurofoɔ bɛgye me akɔ bɛ fie.’ 5Saa nti ɔfrɛɛ bɛ a bɛde ne wura ka he mu biaa baa ne nkyɛne bisaa nea odi kane he sɛ, ‘Wode me wura ka mmeɛhe?’ 6Ɔkaa sɛ, ‘Ngo susuhina ha.’ Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Gye wo nhyehyɛeɛ nwoma he na tena ase twerɛ aduonum ntɛm.’ 7Afei, fiehwɛfoɔ he bisaa foforɔ sɛ, ‘Wo nso, wode ka mmeɛhe?’ Ɔkaa sɛ, ‘Ayuo mmɔtɔ ha.’ Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Gye wo nhyehyɛeɛ nwoma he na twerɛ aduowɔtwe.’ 8#Efe 5:8; 1 Te 5:5 Na fiewura he kamfõõ fiehwɛfoɔ nitefoɔ he, efiri sɛ ɔde n’adwene yɔɔ adwuma; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mu mma yɛ anitefoɔ sene hann mma bɛ mfɛfoɔ mu.
Ahonyadeɛ ho kwane pa
9 #
Luk 14:14; Mat 6:20; 10:40; 19:21 “Bio nso, meeka akyerɛ ho sɛ, homfa ahonyadeɛ a ɔntene so nnya nnamfoɔ, na sɛ ɔsa a, bɛagye ho akɔ daa tenabea mu. 10#Luk 19:17 “Nipa a odi adeɛ ketewa mu nɔkorɛ he di pii mu nɔkorɛ nso, na nipa a ɔntene adeɛ ketewa mu he ntene pii mu nso. 11Nti sɛ hoanni nɔkorɛ ahonyadeɛ a ɔntene mu a, hwane ne de ahonyadeɛ pa bɛhyɛ ho nsa? 12Na sɛ hoanni nɔkorɛ afoforɔ deɛ mu a, hwane ne de ho ankasa ho deɛ bɛma ho?
Som afaanu
13 #
Mat 6:24
Akoa biaa nni hɔ a obetumi asom awuranom mmienu; efiri sɛ obebu baako animtia na ɔde anidie ama baako, anaa ɔbɛbata baako ho na watwe ne ho afiri baako ho. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ#16:13 Ahonyadeɛ: Ahonyadeɛ gyina hɔ ma Hela kasafua mammon..”
Yesu kaa Farisifoɔ anim
14 #
Mat 23:14
Afei nso Farisifoɔ a bɛyɛ sikaniberɛ he tee yeinom nyinaa, na befirii aseɛ tweetwee no. 15#Luk 18:9-14; Dwom 7:9; Mmb 6:16-17 Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ne hobu ho ho bem nnipa anim, nso Nyankopɔn nim ho akomam; efiri sɛ nea ɔsombo nnipa ani so he yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn ani so. 16#Mat 11:12-13“Mmara he ne adiyifoɔ he tenaa hɔ besii Yohane so; efiri hɔ he, bɛpae mu ka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa, na nipa biaa bɔ mmɔdene sɛ obewura mu. 17#Mat 5:18 Nso, ɔmmerɛ sɛ soro ne asaase betwam akɔ kyɛne sɛ mmara he mu ntwerɛdeɛ he bi ho nsensaneɛ baako mpo bɛtɔ fam. 18#Mat 5:32; 19:9“Biaa a obegyaa ne yerɛ na waware foforɔ he asɛe awareɛ, na nea ɔbɛware baa a ne kunu agyaa no he nso asɛe awareɛ.
Defoɔ ne hiani he
19“Na nipa bi yɛ defoɔ, na ɔtaa hyɛ ataadeɛ pa ne nwera, na da biaa ɔde asetena afɛfɛdeɛ gye n’ani. 20Na hiani bi a bɛfrɛ no Lasaro a ne ho nyinaa atutu akuro taa kɔtena n’aboboano, 21na ne kɔno dɔɔ sɛ ɔde mporoporowa a ofiri defoɔ he didipono so gu fam he hyɛ ne yafunu mã, nso ɔba saa a, nkramane bɛtaferee n’akuro mu. 22Na berɛ bi akyi he, hiani he wuiɛ na abɔfoɔ faa no kɔɔ Abraham kokom. “Defoɔ he nso wuiɛ ma besiee no. 23Na sakani he maa n’ani so he, na ɔya Asamando, na ɔya ahoyera mu, na ohuu sɛ Abraham ya akyirikyiri a Lasaro ya ne kokom. 24Nti ɔfrɛɛ no kaa sɛ, ‘Agya Abraham, hu me mmɔbɔ na soma Lasaro ma ɔmfa ne nsateaa ano mmɔ nsuom na ɔmfa mmɛdwodwo me kɛtrɛma, efiri sɛ me ho yera me gyaframa yi mu.’ 25Na Abraham kaa sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ase he, wonyaa nnoɔma pa a wopɛ nyinaa, na Lasaro deɛ, ohuu amane, na afei ne wanya awerɛkyekyerɛ ne wo nso woohu amane. 26Na yeinom nyinaa akyi he, bɛde kuu kɛseɛ ato yɛ ne ho ntam, nti bɛ a bɛpɛ sɛ befiri ha ba ho nkyɛne he ntumi, na bɛ a bɛpɛ sɛ befiri hɔ ba yɛ nkyɛne he nso ntumi.’ 27Na ɔkaa sɛ, ‘Hedeɛ mesrɛ wo, Agya, soma no ma ɔnkɔ me papa fie, 28na mewɔ anuanom nnum, na onkodi adanseɛ nkyerɛ bɛ, na ɔmmɔ bɛ kɔkɔ na bɛamma saa ahoyera yi mu bi.’ 29#2 Ti 3:16 Na Abraham kaa sɛ, ‘Bɛwɔ Mose ne adiyifoɔ he; ma bentie bɛ.’ 30Afei ɔkaa sɛ, ‘Daabi, agya Abraham, sɛ bi firi awufoɔ mu kɔ bɛ nkyɛne mmom a ne bɛbɛsakra.’ 31Na ɔka kyerɛɛ defoɔ he sɛ, ‘Sɛ bɛantie Mose ne adiyifoɔ he a, saa ne sɛ bi sɔre firi awufoɔ mu kɔ bɛ nkyɛne mpo a, bɛnnye no nni.’ ”
Currently Selected:
Luka 16: BBTP
Highlight
Share
Copy
![None](/_next/image?url=https%3A%2F%2Fimageproxy.youversionapistaging.com%2F58%2Fhttps%3A%2F%2Fweb-assets.youversion.com%2Fapp-icons%2Fen.png&w=128&q=75)
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021