Luka 17
17
Sintiduatoɔ
1Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Nea ɔbɛyɛ biaa sintiduatoɔ he bɛba. Nso nea ɔnam no so bɛba he nnue! 2#Mat 18:6-7 Nka ɔyɛ ma no sɛ bɛde ayuyammoɔ bɛsɛne ne kɔno mu akɔto no ato po mu, sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako sintidua.
Bɔne fakyɛ
3 #
Mat 18:15
Homma ho ani mmra ho ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim, na sɛ onu ne ho a fakyɛ no. 4#Mat 18:21-22 Sɛ bi yɛ wo bɔne mprɛ nson da koro na ɔsane ba wo nkyɛne mprɛ nson ka sɛ, ‘Maanu me ho a,’ fakyɛ no.” 5#Mar 9:24 Na asomafoɔ he ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Ma yɛ gyidie nyɛ kɛseɛ.”
Gyidie mu tumi
6 #
Mat 17:20; 21:21 Na Awurade kaa sɛ, “Sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba mpo a, nka hobɛka akyerɛ saa akyee dua yi sɛ, ‘Tutu na kosi po mu!’ Na nka obetie ho.
Nɔkorɛdie
7“Ho mu hwane ne ɔwɔ akoa a oofuntum asaase anaa ɔɔhwɛ mmoa, na sɛ ofiri afuom ba a ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɔ ntɛm bra bɛtena didipono ho’; 8na ɔnnka nkyerɛ no sɛ, ‘Siesie bibi ma menni anwummerɛ yi, na bɔ wo ho so som me kosi sɛ medidi anom awie, na ɔno akyi he wobetumi adidi anom?’ 9Ɔbɛda akoa he ase sɛ wayɔ nea wahyɛ no he anaa? 10Nti ho nso, sɛ hoyɔ nea bɛahyɛ ho nyinaa wie a, honka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a yɛnsɛ hwee. Nea ɔsɛ sɛ yɛyɔaa ne yɛayɔ yi.’ ”
Akwatafoɔ du he ayaresa
11 #
Luk 9:51; 13:22 Na Yesu ɔɔkɔ Yerusalem he ɔfaa Samaria ne Galilea ntam. 12#Lew 13:45-46 Na ɔɔyɛ aduru akuraa bi ase he, mmeema akwatafoɔ du huu no, nso bɛsɔre gyinaa akyirikyiri. 13Na bɛmaa bɛ nne so kaa sɛ. “Owura Yesu hu yɛ mmɔbɔ!” 14#Luk 5:14; Lew 14:2-3 Na ohuu bɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ na homfa ho ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ he.” Na berɛ a bɛɛkɔ he bɛ ho firiiɛ. 15Berɛ a bɛ mu baako huu sɛ ne ho afiri he, ɔsane baeɛ de nne kɛseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam: 16Na ɔde n’anim butu Yesu nane ase daa no ase; na ɔyɛ Samariani. 17Afei Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ du ne bɛ ho firiiɛ? Na nkron a bɛaka he ya he? 18Nti bɛanhu bɛ mu biaa a wasane n’akyi ammfa animuonyam ammra Nyankopɔn ka beema a ɔyɛ manfrani yi ho?” 19#Luk 7:50 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre kɔ; wo gyidie agye wo.”
Nyankopɔn ahennie he mmaeɛ
20 #
Yoh 18:36
Berɛ bi Farisifoɔ he bisaa Yesu berɛ korɔ a Nyankopɔn ahennie he bɛba, obuaa bɛ sɛ, “Nyankopɔn ahennie he ɔɔmma sɛ adeɛ a behu no pefee; 21#Mat 24:23 na bɛnka nso sɛ ‘Hwɛ, ɔya ha’ anaa ‘ɔya hɔ,’ efiri sɛ Nyankopɔn ahennie he ya ho mfimfini.”
22Afei ɔka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Nna bi ɔɔba a hobɛpɛ sɛ hohu Nipa Ba he nna he mu baako nso hoonhu. 23#Luk 21:8 Na nnipa bɛka akyerɛ ho sɛ, ‘Honhwɛ hɔ,’ anaa ‘Honhwɛ ha!’ Nso honnkɔ na honnni bɛ akyi nso. 24#Mat 24:27 Na sɛnea anyinam ma ne hann hyerɛn firi soro ase fã bi kɔ soro aseɛ fã foforɔ he, saa ne nipa Ba he bɛyɛ ne nna he mu. 25#Luk 9:22 Nso nea odi kane he, ɔsɛ sɛ Nipa Ba he hu amaneɛ bebree na nneemmafoɔ po no.
Noa ne Lot nna ho mfatoho
26 #
Mat 24:37-39
Bio nso, sɛnea ɔyɛɛ Noa nna he mu he, saa ne ɔbɛyɛ nipa Ba he nna he nso mu. 27#Gye 7:7-23 Bedidiiɛ, nomeeɛ, mmeema warewareeɛ, bɛde mmaa memaa awareɛ, kosii da a Noa kɔhyɛnee adaka he mu na nsuhyiri he ba bɛsɛee bɛ nyinaa he. 28Saa ne ɔyɛɛ Lot nna he mu, bedidiiɛ, nomeeɛ, bɛtɔeɛ, bɛtɔnooɛ, beduaeɛ, besisii adane. 29#Gye 19:15; 19:24-25Na da a Lot firii Sodom he, gya ne sɔɔfee tɔ firii soro bɛsɛee bɛ nyinaa. 30Saa ne ɔbɛyɛ da a bebeyi nipa Ba he adi he. 31#Mat 24:17-18“Saa da he, mma nipa a ɔya dane atifi a ne nnoɔma ya fie hɔ he nsi fam mmɛfa, na nipa a ɔya afuom he, mma ɔno nso nsane mmɛfa nnoɔma a ɔya akyi he. 32#Gye 19:26 Honkaeɛ Lot yerɛ he. 33#Luk 9:24 Biaa a ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛkora ne kra he, ɔbɛhwere, na biaa a ɔbɛhwere ne kra he benya nkwa. 34Meeka akyerɛ ho sɛ, saa anadwo he, ɔte sɛ nnipa mmienu da mpa baako so, na bɛafa baako kɔ na bɛagya nea ɔka ne ho he hɔ. 35#Mat 24:40-41 Saa ara nso ne sɛ mmaa mmienu ɔɔyam adeɛ ayuyammoɔ korɔ so na bɛafa baako kɔ na bɛagya nea ɔka ne ho he hɔ.” 36[Ɔte sɛ mmeema mmienu te afuom; na bɛafa baako, na bɛagya baako hɔ.]#17:36 Tete atwerɛ a bɛgye to mu binom mfa nkyekyɛmu 36 nka ho. 37#Mat 24:28 Nti bebisaa no sɛ, “Awurade, he fa?” Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nea afunu ya he, hɔ ne pɛtɛ bɛboaboa bɛ ho ano.”
Currently Selected:
Luka 17: BBTP
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021