1
Luka 23:34
Asante Twi Nkwa Asɛm
Yesu kaa sɛ, “Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ.
Uporedi
Istraži Luka 23:34
2
Luka 23:43
Yesu buaa no sɛ, “Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”
Istraži Luka 23:43
3
Luka 23:42
Ɔsane kaa sɛ, “Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me.”
Istraži Luka 23:42
4
Luka 23:46
Yesu teaam denden sɛ, “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” Ɔkaa yei no, ɔgyaa mu.
Istraži Luka 23:46
5
Luka 23:33
Wɔduruu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfoɔ baanu no asɛnnua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum.
Istraži Luka 23:33
6
Luka 23:44-45
Ɛduruu owigyinaeɛ no, asase no so nyinaa duruu esum kabii kɔsii nnɔnmiɛnsa. Owia duruu sum na ntoma a ɛtwa asɔredan no mu nso mu tee mmienu.
Istraži Luka 23:44-45
7
Luka 23:47
Asraafoɔ panin a na ɔgyina hɔ no hunuu deɛ asi no, ɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔteneneeni.”
Istraži Luka 23:47
Početna
Biblija
Planovi
Video zapisi