1
Luka 16:10
Twerɛ Kronkron
Deɛ ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ; na deɛ ɔntene adeɛ ketewa mu no, na ɔntene bebree mu nso.
Linganisha
Chunguza Luka 16:10
2
Luka 16:13
Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtane ɔbaako, na wadɔ ɔbaako no, anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho, na wabu ɔbaako no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ.
Chunguza Luka 16:13
3
Luka 16:11-12
Na enti sɛ moanni ahonyadeɛ a ɛntene no mu nokorɛ a, hwan na ɔde ahodeɛ pa no bɛhyɛ mo nsa? Na sɛ moanni obi adeɛ mu nokorɛ a, hwan na ɔde mo deɛ bɛma mo?
Chunguza Luka 16:11-12
4
Luka 16:31
Na ɔsee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifoɔ no a, obi firi awufoɔ mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.
Chunguza Luka 16:31
5
Luka 16:18
Obiara a ɔgyae ne yere na ɔware ɔfoforɔ no sɛe awadeɛ; na obiara a ɔware deɛ ne kunu agyae no no sɛe awadeɛ.
Chunguza Luka 16:18
Nyumbani
Bibilia
Mipango
Video