1
1 Mose 7:1
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Noa se, “Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu sɛ woyɛ ɔtreneeni.
Ṣe Àfiwé
Ṣàwárí 1 Mose 7:1
2
1 Mose 7:24
Nsuyiri no toaa so wɔ asase so nnafua ɔha aduonum.
Ṣàwárí 1 Mose 7:24
3
1 Mose 7:11
Noa dii mfe ahansia no mu no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson no, nsuti a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔe, na ɔsoro mfɛnsere nso buebuei.
Ṣàwárí 1 Mose 7:11
4
1 Mose 7:23
Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nko ara.
Ṣàwárí 1 Mose 7:23
5
1 Mose 7:12
Osu tɔɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.
Ṣàwárí 1 Mose 7:12
Ilé
Bíbélì
Àwon ètò
Àwon Fídíò