1
Luka 15:20
KYERƐW KRONKRON
Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano.
Konpare
Eksplore Luka 15:20
2
Luka 15:24
efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani.
Eksplore Luka 15:24
3
Luka 15:7
Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra.
Eksplore Luka 15:7
4
Luka 15:18
Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na m'ase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne.
Eksplore Luka 15:18
5
Luka 15:21
Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.
Eksplore Luka 15:21
6
Luka 15:4
Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no?
Eksplore Luka 15:4
Akèy
Bib
Plan yo
Videyo