1
Yohane 19:30
Asante Twi Nkwa Asɛm
Yesu nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔsii ne ti ase na ɔgyaee ne honhom mu.
Uporedi
Istraži Yohane 19:30
2
Yohane 19:28
Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa sɛ, “Osukɔm de me.”
Istraži Yohane 19:28
3
Yohane 19:26-27
Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɔbaa, wo ba nie.” Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, “Wo maame nie.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.
Istraži Yohane 19:26-27
4
Yohane 19:33-34
Nanso wɔduruu Yesu so no, wɔhunuu sɛ ɔno deɛ, na wawu dada enti wɔammubu ne nan bi. Asraafoɔ no mu baako de ne pea wɔɔ ne mfe maa mogyasufi firi ne mfe mu baeɛ.
Istraži Yohane 19:33-34
5
Yohane 19:36-37
Yeinom nyinaa sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔremmu ne dompe bi” ne “Nnipa bɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ ne mfe mu pea” no bɛba mu.
Istraži Yohane 19:36-37
6
Yohane 19:17
Enti, wɔde Yesu a nʼasɛnnua da ne kɔn ho no kɔɔ kuro no mfikyire baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitire So” hɔ, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota.”
Istraži Yohane 19:17
7
Yohane 19:2
Asraafoɔ no de nkasɛɛ nwonoo ahenkyɛ de hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atadeɛ kɔkɔɔ nso hyɛɛ no.
Istraži Yohane 19:2
Početna
Biblija
Planovi
Video zapisi